Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 94 - New Revised Asante Twi Bible


Onyankopɔn yɛ ɔweretɔfoɔ

1 Aweretɔ Nyankopɔn, AWURADE, aweretɔ Nyankopɔn, pue.

2 Asase temmufoɔ, ma wo ho so, tua ahokyerɛfoɔ ka.

3 AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na abɔnefoɔ, ɛnkɔsi da bɛn na abɔnefoɔ nni ahurisie?

4 Wɔka asɛmdenden, amumuyɛfoɔ nyinaa di ahantansɛm.

5 Wo man deɛ, AWURADE, wɔrebɔ no pasaa, na wɔbrɛ w’agyapadeɛ ase.

6 Wɔkum okunafoɔ ne ɔhɔhoɔ, na wɔdi nwisiaa awu;

7 na wɔka sɛ: AWURADE renhunu, na Yakob Nyankopɔn remmu.

8 Ɔman mu agyimifoɔ, monte aseɛ, na mo, nkwasea, da bɛn na mobɛhunu de?

9 Deɛ ɔtɛ aso no, ɔrente asɛm, anaa deɛ ɔnwonoo ani no, ɔrenhunu adeɛ?

10 Deɛ ɔtwe amanaman aso no, ɔrentenetene, deɛ ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no, ɔno ɛ?

11 AWURADE hunu nnipa adwene sɛ ɛyɛ ahuhudeɛ.

12 Nhyira ne onipa a wo, AWURADE, wotwe n’aso, na wofiri wo mmara no mu kyerɛkyerɛ no,

13 sɛ wobɛma no nna bɔne ho abodamu akɔsi sɛ wobɛfunu amena ama ɔbɔnefoɔ.

14 Na AWURADE rento ne man ntwene, na ɔrennya n’agyapadeɛ,

15 na atemmuo bɛsane akɔ tenenee mu, na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛdi akyire.

16 Hwan na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfoɔ adi asie ama me? Hwan na ɔbɛgyina ne amumuyɛfoɔ adi asie ama me?

17 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛ me boafoɔ a, anka aka kumaa na me kra akɔtena kommyɛ mu.

18 Sɛ mese me nan rewatiri a, wo, AWURADE, w’adɔeɛ na ɛwowa me.

19 Me mu dadwene dɔɔso a, w’awerɛkyekyerɛ gye me kra ani.

20 Amammɔeɛ adwa a ɛnam mmara so bɔ mmusuo no ne wo bɛfa yɔnkoɔ anaa?

21 Wɔbɔ ɔteneneeni kra so kyenku, na wɔbu mogya a ɛdi bem fɔ.

22 Nanso AWURADE ayɛ me abankɛseɛ, na me Nyankopɔn ayɛ me dwanekɔbea botan.

23 Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ. AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan