Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 93 - New Revised Asante Twi Bible


Daa hene

1 AWURADE di hene, ɔde animuonyam ahyehyɛ ne ho. AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho, na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim.

2 W’adwa tim hɔ firi tete, wowɔ hɔ firi daa.

3 Asutene ama so, AWURADE, asutene ama wɔn nne so, asutene ma wɔn huuyɛ so.

4 Deɛ ɔsene nsukɛseɛ nne, nsuo a ɛwɔ tumi, ɛpo mu asorɔkyeɛ nne, ɔne ɔsoro hɔ tumfoɔ AWURADE.

5 W’adansesɛm yɛ nokorɛ pii; kronkronyɛ na ɛfata wo fie, AWURADE, nnasanten nyinaa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan