Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 92 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn tenenee nnisoɔ ho ayeyie
Dwom a wɔto no homeda.

1 Ɛyɛ sɛ wɔda AWURADE ase na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni,

2 sɛ wɔka w’adɔeɛ anɔpa ne wo nokorɛdie anadwo,

3 sankuhan du ne bɛnta so, sankuo ho adwempa dwom mu.

4 Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛɛ ho, wo nsa ano nnwuma ho na mɛdi ahurisie.

5 AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si soso fa, w’adwene mu dɔ pii.

6 Ogyimifoɔ nnim, na ɔkwasea nhunu yei mu.

7 Abɔnefoɔ fifiri sɛ ɛfan na amumuyɛfoɔ nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.

8 Nanso wo AWURADE deɛ, wokorɔn daa.

9 Na hwɛ, w’atamfo no, Ao AWURADE, w’atamfo no deɛ, wɔbɛsɛe, na wɔbɛhwete amumuyɛfoɔ nyinaa mu.

10 Na woma m’abɛn so sɛ okoo deɛ, wode ngo foforɔ gu me so.

11 Na m’ani hunu deɛ mepɛ m’atɛfoɔ so, na m’aso te deɛ ɛyɛ me dɛ, abɔnefoɔ a wɔsɔre tia me no ho.

12 Ɔteneneeni bɛfefɛ sɛ abɛ, ɔbɛnyini sɛ Lebanon so tweneduro.

13 Wɔn a wɔatɛ wɔn AWURADE fie no bɛfefɛ yɛn Nyankopɔn abannwa so.

14 Wɔbɛkɔ so aso aba nkɔkoraaberɛ, wɔbɛyɛ akɛseɛ ne frɔmfrɔm ara

15 de akyerɛ sɛ AWURADE tene, ɔne me botan, na deɛ ɛntene biara nni ne mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan