Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 90 - New Revised Asante Twi Bible


NWOMA A ƐTƆ SO NNAN ( Nnwom 90—106 ) Daa Nyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea
Nyankopɔn nipa Mose mpaebɔ.

1 AWURADE, wo na woayɛ yɛn dwanekɔbea, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

2 Wo deɛ, wɔnnya mmɔɔ mmepɔ na wonnya nyii asase ne wiase adie no, na wofiri tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.

3 Woma ɔdasani dane mfuturo, na wose: Onipa mma, monsane mmra mo mfuturo mu.

4 Na mfirinhyia apem yɛ w’ani so sɛ nnora da a ɛtwaa mu ne anadwo mu dasuo.

5 Woma wɔsene kɔ sɛ susuansuo, wɔte sɛ daeɛ, anɔpa wɔfefɛ sɛ wira,

6 anɔpa ɛyɛ frɔmfrɔm, na ɛfefɛ, anwummerɛ wɔtwa, na atwintwam.

7 Na yɛresa w’abufuo mu, na yɛahye w’abufuhyeɛ no ano.

8 Wode yɛn amumuyɛ asi w’anim, wode yɛn kokoam bɔne aba w’anim hann no mu.

9 Na yɛn nna nyinaa atwam kɔ w’abufuo mu, yɛahwere yɛn mfeɛ sɛ asomusɛm bi.

10 Yɛn mfirinhyiam nna, emu wɔ mfeɛ aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛreduru aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔbrɛ ne ahuhudeɛ, na ɛtwaa mu ntɛm so, na yɛtu kɔe.

11 Hwan na ɔhunu w’abufuo ano den a ɛyɛ, ne w’anibereɛ, sɛ wo ho suro teɛ?

12 Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛanya nyansa akoma.

13 AWURADE, sane w’akyi, da bɛn ara? Na ma wo nkoa nyɛ wo mmɔbɔ.

14 Fa w’adɔeɛ ma yɛmmee nhema, na yɛadi ahurisie, na yɛn ani agye yɛn nna nyinaa mu.

15 Ma yɛn ho nsane yɛn, sɛ nna a wobrɛɛ yɛn ase wɔ mu ne mfeɛ a yɛhunuu mu bɔne no.

16 Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa, na w’animuonyam nna adi, wɔn mma so.

17 Na AWURADE yɛn Nyankopɔn animteɛ mmra yɛn so, na yɛn nsa ano adwuma no, ma no nyɛ yie mma yɛn, aane, yɛn nsa ano adwuma ma no nyɛ yie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan