Nnwom 89 - New Revised Asante Twi BibleMpaeɛ a wɔbɔ ma Dawid fie Esrahini Etan nnweneho dwom. 1 Mɛto AWURADE adɔeɛ ho dwom daa, mede m’ano bɛka wo nokorɛdie makyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ; 2 na mɛka sɛ: Adɔeɛ bɛsi so daa, ɔsoro hɔ na wode nokorɛdie atintim. 3 Me ne deɛ mayi no no apam apam bi, maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid: 4 Mɛma w’asefoɔ atim akɔsi daa, na mama w’ahennwa asi so akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so. 5 Na ɔsoro yi wo, AWURADE, anwanwadeɛ ayɛ, ne wo nokorɛ nso wɔ akronkronfoɔ asafo mu. 6 Na hwan na ɔwɔ wiem a wɔde no bɛto AWURADE ho, hwan na ɔsɛ AWURADE, anyame mma mu? 7 Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, akronkronfoɔ dwabɔ kɛseɛ no mu, na wɔsuro no sene wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa. 8 AWURADE, asafo Nyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ? Otumfoɔ AWURADE, wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia. 9 Wo na wodi ɛpo mfumpaabuo soɔ, sɛ n’asorɔkyeɛ sɔre a, wo na wodwodwo ano. 10 Wo na woabubu Rahab pasaa sɛ ɔtɔfoɔ, wode wo tumi nsa abɔ w’atamfo apansam. 11 Ɔsoro wɔ wo, asase nso wɔ wo; wiase ne ne mayɛ, wo na wohyɛɛ aseɛ. 12 Atifi fam ne anafoɔ fam, wo ara na wobɔeɛ, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurisie. 13 Tumi basa ne mmarimayɛ wɔ wo, wo nsa yɛ den, wɔama wo nifa so. 14 Tenenee ne atemmuo ne w’ahennwa nnyinasoɔ, adɔeɛ ne nokorɛ gyina w’anim. 15 Nhyira ne ɔman a wɔnim osebɔ na wɔnante wo, AWURADE, anim hann mu. 16 Wo din mu na wɔn ho bɛsɛpɛ wɔn daa nyinaa, na wo tenenee mu na wɔama wɔn soɔ. 17 Na wɔn ahoɔden ahyehyɛdeɛ ne wo, na w’adom mu na wɔama yɛn abɛn soɔ. 18 Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel Kronkronni no na yɛn hene wɔ no. 19 Da bi wokasaa anisoadehunu mu kyerɛɛ w’ahotefoɔ sɛ: Madi maboa ɔbarima bi, mama obi a wɔayi no firi ɔman no mu so. 20 Mahunu m’akoa Dawid, mede me ngo kronkron masra no. 21 Ɔno na me nsa bɛma no atim, na me basa nso ahyɛ no den. 22 Ɔtamfoɔ bi rensisi no, na obusuyɛfoɔ bi renhyɛ no so. 23 Na mɛbubu n’anim ahohiahiafoɔ, na mabobɔ wɔn a wɔtane no. 24 Na me nokorɛdie ne m’adɔeɛ ne no bɛtena, na me din mu na wɔbɛma n’abɛn soɔ. 25 Na mede ne nsa bɛsi po mu, na mede ne nifa masi nsubɔntene so. 26 Ɔno deɛ, ɔbɛfrɛ me sɛ: Wone m’agya, me Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ botan! 27 Na me nso mede no bɛyɛ m’abakan, asase so ahemfo mu pumpuni. 28 Mɛkora m’adɔeɛ mama no daa, na m’apam atim hɔ ama no. 29 Mɛma n’asefoɔ atena hɔ daa, ne n’ahennwa sɛ ɔsoro nna. 30 Sɛ ne mma gya me mmara na wɔnnante m’atemmudeɛ mu, 31 sɛ wɔgu m’ahyɛdeɛ ho fi na wɔnni me mmaransɛm so a, 32 ɛno deɛ mede abaa bɛba abɛtwe wɔn aso, wɔn mmarato ho, na mede ɔhaw ahodoɔ mabɛtwe wɔn aso, wɔn amumuyɛ ho. 33 Na m’adɔeɛ deɛ, merenyi memfiri ne ho, na merenyɛ me nokorɛdie no ho nsakyirinsayam. 34 Merengu m’apam ho fi, na merensakyera deɛ afiri m’anomu no. 35 Maka me kronkronyɛ ho ntam baako, merenni Dawid hwammɔ. 36 N’asefoɔ bɛtena hɔ daa, na n’adwa ayɛ m’anim sɛ owia. 37 Ɛbɛtim hɔ sɛ ɔsrane daa, sɛ ɔdanseni nokwafoɔ a ɔwɔ wiem. 38 Na wo ara deɛ, woato atwene na ayɛ wo nwunu, na woafa deɛ woasra no no abufuo. 39 Woapo w’akoa apam, woagu n’abotire ho fi de ato fam. 40 Woadwiri ne ban nyinaa agu, woama n’aban akɛseɛ ayɛ agoago. 41 Wɔn a wɔtwam ɔkwan no soɔ nyinaa fom no fa, wayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete ne ho. 42 Woama n’ahohiahiafoɔ nifa so, woama n’atamfo nyinaa ani agye. 43 Aane, woadane n’afena ano nso, na woamma no annyina ɔsa mu. 44 Woama n’animuonyam apa, na woato n’adwa atwene fam. 45 Woatwa ne mmeranteberɛ nna so, wode aniwuo abum ne so. 46 Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wode wo ho bɛhunta daa ama w’abufuo adɛre sɛ ogya? 47 Kae me nna tiaa a ɛyɛ: Ade hunu yi ara nti na wobɔɔ nnipa mma nyinaa? 48 Ɔdasani bɛn na ɔte ase a ɔrenhunu owuo, na ɔbɛyi ne kra afiri Asamando nsam? 49 Ɛhe na wo kane adɔeɛ no wɔ, AWURADE, deɛ wokaa ho ntam kyerɛɛ Dawid, wo nokorɛ mu no? 50 AWURADE, kae wo nkoa ahohora a ɛfiri aman dodoɔ no nyinaa mu a ɛda me koko soɔ. 51 AWURADE, w’atamfo bɔ ahohora, wɔbɔ deɛ woasra no no anammɔn ahohora! 52 Nhyira nka AWURADE daa. Amen ne Amen. |
The Bible Society of Ghana, 2012