Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 87 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn kuro mufoɔ
Kora mma dwom.

1 AWURADE kuro a ɔkyekyereeɛ wɔ mmepɔ kronkron so.

2 AWURADE dɔ Sion apono sene Yakob tenabea nyinaa.

3 Wɔka wo ho animuonyamsɛm, Nyankopɔn kuro.

4 Sɛ mebɔ Misraimfoɔ, Babelfoɔ, Filistifoɔ, Tirofoɔ ne Etiopiafoɔ din wɔ wɔn a wɔni me mu mpo a, yeinom wɔwoo wɔn hɔ ara.

5 Na Sion ho deɛ, wɔbɛka sɛ: Wɔwoo wɔn nyinaa mmaako mmaako wɔ ne mu, na ɔno na ɔma n’ase tim, ɔsorosoroni no.

6 Sɛ AWURADE twerɛ aman din a, ɔbɛka sɛ: Oyi, wɔwoo no hɔnom.

7 Na nnwontofoɔ ne asafoɔ bɛka sɛ: Me mmasuo nyinaa wɔ wo mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan