Nnwom 84 - New Revised Asante Twi BibleNyankopɔn fie ho anigyeɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no Gatfoɔ sankuo nne so. Kora mma dwom. 1 Sɛdeɛ wo tenabea hɔnom si yɛ fɛ, asafo AWURADE. 2 Me kra ani gyina, ɛtɔ piti mpo, AWURADE adihɔ no nti, m’akoma ne me honam di ahurisie ma Onyankopɔn teasefoɔ. 3 Nso apatuprɛ anya ɛdan, na asomfenakatakyi anya ebuo a ɔbɛto ne mma agu mu, ɛne w’afɔrebukyia no, asafo AWURADE, me Hene ne me Nyankopɔn. 4 Nhyira ne wɔn a wɔte wo fie, wɔbɛkɔ so ayi wo ayɛ. 5 Nhyira ne onipa a n’ahoɔden wɔ wo mu, na Sion atempɔn no wɔ n’akomam. 6 Wɔtwam nisuo bɔn no mu a, wɔdanedane no deɛ mmasuo wɔ, bereamporɔsuo nso de nhyira pii kata so. 7 Wɔnante firi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu bɛpue Nyankopɔn anim, Sion. 8 AWURADE, asafo Nyankopɔn, tie me mpaebɔ, yɛ aso, Yakob Nyankopɔn! 9 Yɛn kyɛm, Onyankopɔn, hwɛ, na hwɛ deɛ woasra no no anim. 10 Na wo fie dakorodie yɛ sene nna apem. Mepɛ me Nyankopɔn fie nammɔnnampan mu tena mmom sene sɛ mɛtena abɔnefoɔ ntomadan mu. 11 Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no. 12 Asafo AWURADE, nhyira ne onipa a ɔde ne ho to wo soɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012