Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 82 - New Revised Asante Twi Bible


Israel atamfoɔ
Asaf dwom.

1 Onyankopɔn gyina Nyankopɔn asafo mu, ɔbu atɛn anyame ntam.

2 Da bɛn na mobɛbu ntɛnkyea, na moahwɛ abɔnefoɔ anim akɔsie?

3 Monni ɔbrɛfoɔ ne awisiaa asɛm, monni asɛntenenee mma ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni.

4 Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani, monhwim wɔn mfiri abɔnefoɔ nsam.

5 Wɔnnim de, na wɔnte aseɛ, esum mu na wɔnante korɔ, asase nnyinasoɔ nyinaa rewoso.

6 Me deɛ, maka sɛ: Moyɛ anyame, na mo nyinaa yɛ ɔsorosoroni no mma,

7 nanso mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ, na moatotɔ sɛ ahemfo mu biara.

8 Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wobɛdi adeɛ, amanaman nyinaa mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan