Nnwom 81 - New Revised Asante Twi BibleNokorɛ afahyɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no Gatfoɔ sankuo nne so. Asaf deɛ. 1 Mommɔ ose mma Onyankopɔn, yɛn ahoɔden, monhuro mma Yakob Nyankopɔn. 2 Monto dwom na monyan mpintin, mommɔ sanku dɛdɛ ne bɛnta. 3 Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so, ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da. 4 Na ɛne sɛnnahɔ ma Israel, atorɔmudeɛ ma Yakob Nyankopɔn. 5 Ɔde adi adanseɛ, Yosef mu, ɛberɛ a ɔfirii adi faa Misraim asase soɔ, metee obi a menni no kasa. 6 Meyii ne mmatiri firii adesoa ase, ne ne nsa firii kɛntɛn ho; 7 wofrɛɛ ahohia mu, na meyii wo wɔ mu, mefiri aprannaa mu megyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛɛ Meriba asuo ho. 8 Me man, tie, na menni wo adanseɛ, O Israel, sɛ wobɛtie me a! 9 Mma onyame nanani bi nntena wo mu, na nsɔre onyame nanani biara. 10 Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so mebaeɛ no, trɛ wo anomu tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma. 11 Nanso me man antie me nne, na Israel ampene me. 12 Na megyaa wɔn wɔn akoma denyɛ mu, maa wɔnantee wɔn ara tirim agyina a wɔtuiɛ mu. 13 Ao, sɛ me man tie me ɛ, sɛ Israel nante m’akwan so ɛ! 14 Anka ɛrenkyɛ na mabrɛ wɔn atamfoɔ ase, na madane me nsa matia wɔn ahohiahiafoɔ. 15 Anka AWURADE atamfoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama no, na wɔn berɛ akyɛre akɔsi daa. 16 Na ɔde ayuo mu ayuo pa bɛyɛne wɔn, na mede abotan mu woɔ bɛma woamee. |
The Bible Society of Ghana, 2012