Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 80 - New Revised Asante Twi Bible


Israel foforɔyɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so. Asaf adansedie. Dwom.

1 Israel dwanhwɛfoɔ, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nnwankuo, wo a wote Kerubim soɔ, pue hran.

2 Efraim ne Benyamin ne Manase anim na ma wo homene soɔ, na bra bɛgye yɛn.

3 Onyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.

4 AWURADE, asafo Nyankopɔn, wo bo bɛfu atia wo man mpaebɔ akɔsi da bɛn?

5 Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔdii, na wode nisuo maa wɔnomee.

6 Wode yɛn yɛɛ ntɔkwa maa wɔn a wɔtete yɛn ho, na yɛn atamfoɔ sereseree wɔ wɔn mu.

7 Asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.

8 Wotuu obobe firii Misraim bae, wotutuu amanaman na wobɛtɛe.

9 Woyii n’anim kwan, na ɛgyee nhini, na ɛyɛɛ asase ma.

10 Ne nwunu kataa mmepɔ so, na ne nhoma kataa Nyankopɔn tweneduro so.

11 Ɛbaebaee ne mman mu kɔduruu ɛpo ho, na n’abasa frɔmfrɔm kɔɔ asubɔnten no ho.

12 Adɛn nti na woabubu ne ban, ma wɔn a wɔnam kwan soɔ nyinaa tete no yi?

13 Kwaeɛm kɔkɔte sɛe no, na petee mu mmoa we.

14 Asafo Nyankopɔn, sane w’akyiri ɛ! Brɛ w’ani ase firi soro hwɛ, na bɛhwɛ obobe yi,

15 na bɛwowa deɛ wo nifa tɛeɛ no, ne ɔba a woafa no ayɛ wo deɛ no pintinn.

16 Wɔde ogya ahye no, wɔatwitwa no, w’anim ateatea nti wɔresɛe.

17 Fa wo nsa kata wo nifa nipa no so, onipa ba a woafa no ayɛ wo deɛ pintinn no so,

18 na yɛrentwe mfiri wo nkyɛn. Ma yɛnnya nkwa, na yɛmmɔ wo din.

19 AWURADE, asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan