Nnwom 8 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn kɛseyɛ ne onipa diberɛ a ɛkorɔn Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Gittit” sankuo nne so. Dawid dwom. 1 Ao, AWURADE, yɛn Awurade, enim bɛn na wo din nni asase nyinaa soɔ! Wo a wode w’animuonyam akata ɔsoro. 2 Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu. Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ ano. 3 Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsrane ne nsoromma a woasiesie a, 4 ɔdasani ne hwan a wokae no, na onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho! 5 Na woama aka no kakraa bi na wasɛ Onyame, na wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire. 6 Woama no adi wo nsa ano nnwuma so, wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase: 7 Aane, nnwan ne anantwie nyinaa ne wiram mmoa nso, 8 ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa, mmoa a ɛnam ɛpo mu akwan soɔ. 9 Ao, AWURADE, yɛn Awurade, enim bɛn na wo din nni asase nyinaa soɔ! |
The Bible Society of Ghana, 2012