Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 79 - New Revised Asante Twi Bible


AWURADE gye wo man
Asaf dwom.

1 Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ mu, wɔagu w’asɔrefie kronkron ho fi, wɔama Yerusalem ayɛ agoago.

2 Wɔde wo nkoa amu ama ewiem nnomaa adi, wɔde w’ahotefoɔ nam ama asase so mmoa.

3 Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsuo de atwa Yerusalem ho ahyia, na deɛ ɔsie wɔn nni hɔ.

4 Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛdie ne ahiyie ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.

5 Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wo bo bɛfu daa, na wo ninkuntwe adɛre sɛ ogya?

6 Hwie w’abufuo gu amanaman a wɔnni woɔ ne ahennie a wɔmmɔ wo din no so,

7 na wɔamene Yakob, na wɔahye ne tenabea ase.

8 Nkae akanefoɔ amumuyɛ mfa ngu yɛn so, yɛ ntɛm ma w’ayamhyehyeɛ mmɛhyia yɛn, na wɔabrɛ yɛn ase fɔmm.

9 Di boa yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, wo din animuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so.

10 Adɛn nti na amanaman nka sɛ: Wɔn Nyankopɔn wɔ he? Ma wɔnhunu amanaman mu, yɛn anim, sɛ wotɔ wo nkoa mogya a wɔka guiɛ no so were.

11 Ma ɔpokyerɛni apinisie nnuru w’anim, sɛ wo nsa kɛseyɛ teɛ no, kora owuo mma.

12 Na ahohora a wɔn a wɔtete yɛn ho de abɔ wo, AWURADE, no, dane no mprɛnson gu wɔn kokom.

13 Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nnwan no, yɛbɛda wo ase daa, yɛbɛka w’ayeyie akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan