Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 78 - New Revised Asante Twi Bible


Israel poɔ ne Yuda yie
Asaf nnweneho dwom.

1 Me man, monyɛ aso mma me nkyerɛkyerɛ, monwɛn mo aso mma m’anomu nsɛm.

2 Mɛbue m’ano mmebuo mu, mɛyi atetesɛm adi sɛ akasabebuo.

3 Deɛ yɛateɛ na wɔama yɛahunu na yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn no,

4 yɛremfa nhunta wɔn mma, yɛreka nkyirimma AWURADE ayeyisɛm, ne ne tumidie, ne n’anwanwadeɛ a wayɛ no.

5 Ɔde adanseɛ tintim Yakob mu, na ɔhyɛɛ mmara Israel mu, ɛno na ɔde hyɛɛ yɛn agyanom sɛ wɔmma wɔn mma nhunu,

6 na nkyirimma, mma a wɔbɛwo wɔn no, ahunu, na wɔsi so a, wɔaka akyerɛ wɔn mma,

7 sɛ wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn so, na wɔn werɛ mmfiri Nyankopɔn nneyɛɛ, na wɔnni ne mmara nsɛm so.

8 Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ, mma a wɔmfa wɔn akoma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokorɛ.

9 Efraim mmabanin, taduakurafoɔ, bɛmmatofoɔ, wɔdane wɔn ani ɔko da.

10 Wɔanni Nyankopɔn apam so, na ne mmara nso, wɔampɛ sɛ wɔnante mu.

11 Na wɔn werɛ firii ne nneyɛɛ ne n’anwanwadeɛ a ɔde kyerɛɛ wɔn no.

12 Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔn agyanom anim, Misraim asase so, Soan petee mu.

13 Ɔpaee ɛpo mu de wɔn twaa mu, na ɔmaa nsuo gyinaa sɛ ekuo.

14 Ɔde mununkum gyaa wɔn awia, na anadwo nyinaa ɔde ogya kanea nso gyaa wɔn.

15 Ɔpaee abotan mu ɛserɛ so, na ɔmaa wɔnom sɛ asukɛseɛ.

16 Ɔmaa nsubɔntene firii ɔbotan mu bae, na ɔmaa nsuo senee sɛ asutene.

17 Nanso wɔkɔɔ so ara yɛɛ no bɔne, tee ɔsorosoroni no anim atua anwea pradada so.

18 Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔn akoma mu, bisaa no aduane sɛdeɛ wɔn kɔn dɔeɛ,

19 na wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ: Onyankopɔn bɛtumi ato pono ɛserɛ so anaa?

20 Hwɛ, ɔbɔɔ ɔbotan ma nsuo tui, na asubɔnten senee; paanoo nso, ɔbɛtumi ama, na wapɛ nam ama ne man anaa?

21 Enti AWURADE teeɛ no, ne bo fui, na ogya sɔɔ Yakob mu, na abufuo nso sɔre tiaa Israel,

22 ɛfiri sɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na wɔamfa wɔn ho anto ne nkwagyeɛ so.

23 Nanso ɔhyɛɛ ewiem tɔnn ɔsoro, na ɔhinii ɔsoro apono,

24 na ɔtɔɔ mana guu wɔn so sɛ wɔnni, na ɔde ɔsoro aduane maa wɔn.

25 Atumfoɔ aduane na onipa diiɛ, ɔmaa wɔn aduane di mee.

26 Ɔmaa apueeɛ mframa bɔe ɔsoro, na ɔde ne tumi twee anafoɔ mframa bae,

27 na ɔtɔɔ nam guu wɔn so sɛ mfuturo, ne ntakraboa sɛ mpoano anwea.

28 Na ɔmaa wɔtotɔɔ wɔn nsraban mu de twaa wɔn tenabea ho hyiae.

29 Na wɔdi mee boroo so, ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn wɔn akɔnnɔdeɛ.

30 Wɔnnya nnyaee wɔn akɔnnɔ no, wɔn aduane da so wɔ wɔn anomu no,

31 Nyankopɔn abufuo sɔre tiaa wɔn, na ɔkunkumm wɔn mu abrane no mu bi, na ɔde Israel mmeranteɛ hwehwee fam.

32 Yei nyinaa mu na wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, na wɔannye n’anwanwadeɛ no anni.

33 Enti ɔmaa wɔn nna yeraa sɛ ahuro, ne wɔn mfeɛ ehu mu.

34 Ɔreku wɔn no, na wɔhwehwɛɛ no, na wɔsane bɛpɛɛ Nyankopɔn akyiri kwan ntɛm,

35 na wɔkaee sɛ Onyankopɔn ne wɔn botan, na ɔsorosoro Nyankopɔn ne wɔn gyefoɔ.

36 Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no, na wɔde wɔn tɛkyerɛma dii atorɔ kyerɛɛ no,

37 na wɔn akoma deɛ, ɛntim ne ho, na wɔanni n’apam mu nokorɛ.

38 Na ɔno deɛ, ɔyɛ ntimmɔborɔ nti, ɔkataa wɔn amumuyɛ so, na wansɛe nnipa; na ɔtaa sianka n’abufuo, na wanhwanyan n’awerɛhoɔ nyinaa.

39 Na ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam, mframa a ɛkorɔ na ɛnsane n’akyiri bio.

40 Mprɛ ahe ara na wɔante n’anim atua ɛserɛ soɔ, na wɔanho ne werɛ anwea pradada soɔ!

41 Na wɔsane sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na wɔyii Israel Kronkronni no ahi.

42 Wɔankae ne tumi, da a ɔyii wɔn firii ɔhohiahiafoɔ nsam,

43 na ɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim ne n’anwanwadeɛ, Soan petee mu no.

44 Ɔdanee wɔn nsubɔntene mogya, na wɔantumi annom wɔn nsuwansuwa.

45 Ɔsomaa ahuriiɛ bɛguu wɔn so maa wɔbɛwee wɔn, ne mponkyerɛne maa wɔbɛsɛee wɔn.

46 Ɔde wɔn nnɔbaeɛ maa mmɛbɛ, na ɔde wɔn adwumadeɛ maa ntutummɛ.

47 Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe, na ɔde nsukyenkyeneeɛ bɔɔ wɔn akyee nnua,

48 na ɔyii wɔn afieboa maa asukɔtweaa, ne wɔn mmoakuo maa asraman.

49 Ɔtoo n’abufuo hyehyeɛ no guu wɔn so, anibereɛ, ahi ne ahohia, abɔfoɔ bɔne a ɔsomaa wɔn baa wɔn soɔ no.

50 Ɔbɔɔ kwan maa n’abufuo, wankora wɔn kra amfiri owuo mu, na ɔyii wɔn nkwa maa owuyadeɛ.

51 Na ɔkumm Misraim mmakan nyinaa, wɔn ahoɔden asefire, Ham ntomadan mu.

52 Na ɔgyaa ne man sɛ nnwan, na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuo, ɛserɛ so,

53 na ɔgyaa wɔn dwoodwoo kɔe na wɔansuro, na wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo no kataa wɔn so.

54 Na ɔde wɔn baa ne kronkronbea hyeɛ so, bepɔ a ne nsa nifa gyeeɛ no so.

55 Ɔpampamm amanaman, wɔn anim, na ɔtwee wɔn awunnyadeɛ so ntonto kyɛɛ no homa so, na ɔmaa Israel mmusuakuo tenatenaa wɔn ntomadan mu.

56 Nanso wɔsɔɔ ɔsorosoro Nyankopɔn hwɛe tee no atua, na n’adansesɛm no, wɔanni so.

57 Na wɔwae twaa nkontompo sɛ wɔn agyanom, wɔmanee sɛ tadua daadaafoɔ.

58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea huruu ne bo, na wɔde wɔn ahoni maa no twee ninkunu.

59 Onyankopɔn tee, na ne bo fui, na Israel ho yɛɛ no nwunu koraa.

60 Na ɔgyaa Silo tenabea no, ntomadan a ɔsii nnipa mu no.

61 Ɔde n’ahoɔden hyɛɛ nnommumfa mu, na ɔde n’animuonyam hyɛɛ ɔtamfoɔ nsa.

62 Ɔgyaa ne man maa nkrantɛ, na ne bo fuu n’agyapadeɛ.

63 Ogya hyee wɔn mmeranteɛ, na wɔn mmabaa nso, wɔanto wɔn ayeforɔ dwom.

64 Wɔn asɔfoɔ totɔɔ nkrantɛ ano, na wɔn akunafoɔ annya asuyɛ.

65 Na AWURADE nyanee sɛ obi a ɔfiri nna mu, sɛ ɔkatakyie a nsa ma no huro,

66 na ɔbobɔɔ n’atamfo maa wɔsanee wɔn akyi, ɔbɔɔ wɔn daa adapaa.

67 Nso wampɛ Yosef ntomadan no, na Efraim abusuakuo no, wamfa;

68 na mmom ɔfaa Yuda abusuakuo, Sion bepɔ a wadɔ no no.

69 Na ɔsii ne kronkronbea sɛ ɔsoro sɛ asase a ɔde atim hɔ daa no.

70 Na ɔyii n’akoa Dawid, na ɔfaa no firii nnwammuo mu.

71 Ɔmaa no firii nnwammereɛ a wɔma nufoɔ akyiridie bae, sɛ ɔmmɛyɛne ne man Yakob ne n’agyapadeɛ Israel.

72 Na ɔyɛnee wɔn akoma mudie so, na ɔde ne nsam nimdeɛ kyerɛɛ wɔn kwan.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan