Nnwom 77 - New Revised Asante Twi BibleMmerɛ a atwam ne nnɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ Yedutun. Asaf dwom. 1 Mɛma me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na masu mafrɛ no; mɛma me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na ɔbɛyɛ aso ama me. 2 M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam atene anadwo nyinaa, na ɛmpa aba, me kra po awerɛkyekyerɛ. 3 Mekae Onyankopɔn a, mesi apini, medwene a, me honhom tɔ piti. 4 Wokura m’anisuatɛtɛ mu, ɛpempem me, na mentumi menkasa. 5 Medwene tete nna no, tete mmerɛ no mu mfeɛ. 6 Mekae m’anadwo dwom, medwene m’akomam, na me honhom hwehwɛm pɛsɛpɛsɛ. 7 AWURADE bɛto atwene daa, na ɔrennom bi bio anaa? 8 N’adɔeɛ awie mutwa koraa anaa? N’asɛm a ɔkaeɛ no asa ama awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anaa? 9 Onyankopɔn werɛ afiri adom, anaasɛ ɔde abufuo atwe ne mmɔborɔhunu ato ne yam? 10 Ɛnna mese: Me dadwene a ɛda me soɔ ne sɛ, ɔsorosoroni no nifa asakyera. 11 Mɛkae AWURADE nneyɛɛ maka, aane, mɛkae wo tete anwanwadeɛ, 12 na masusu w’adwuma nyinaa ho, na madwene wo nneyɛɛ ho. 13 Onyankopɔn, wo kwan wɔ kronkronyɛ mu, hwan na ɔyɛ nyame kɛseɛ sɛ Onyankopɔn? 14 Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ, woama wɔahunu wo tumi, aman mu. 15 Wode wo nsa na agye wo man, Yakob ne Yosef mma no. 16 Asuasu hunuu wo, Onyankopɔn, asuasu hunuu wo, na wɔbɔɔ binim, abunu nso wosowosoe. 17 Amununkum tɔɔ osuo bibibibi, ewiem tɔnn gyegyee, w’agyan nso pepaa anyinam, 18 w’aprannaa boboom, ahum a ɛdi kyinhyia mu. Anyinam hyerɛn wiase, asase popoe na ɛwosoe. 19 Wo kwan faa ɛpo mu, na wo tempɔn nsuo pii mu, na wɔanhunu w’anammɔn. 20 Wonam Mose ne Aaron nsa so bɛgyaa wo man sɛ nnwankuo. |
The Bible Society of Ghana, 2012