Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 76 - New Revised Asante Twi Bible


Nkonimdie ne Nyankopɔn ayeyie dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Asaf dwom.

1 Yuda mu na wɔahunu Onyankopɔn, ne din so Israel mu.

2 Ne sese si Salem, na ne tenabea wɔ Sion.

3 Ɛhɔ na ɔbubuu tadua mu mmɛmma, ɔkyɛm ne nkrantɛ ne ɔsa.

4 W’anim yɛ nyam, na ɛhran sene asadeɛ mmepɔ no.

5 Wɔasɛe abrane akokoɔdurufoɔ no, wɔatɔ nko da wɔn nna, na ahoɔdenfoɔ no mu biara anhunu ne nsa.

6 Yakob Nyankopɔn, w’ateatea nti na nteaseɛnam ne apɔnkɔ nyinaa adeda nnahɔɔ.

7 Wo na wo ho yɛ hu, na sɛ wo bo refu a, hwan na ɔbɛtumi agyina w’anim?

8 Wofiri soro maa wɔtee atemmuo, asase suroe na ɛtɛm dinn,

9 berɛ a Onyankopɔn sɔre bɛbuu atɛn, sɛ ɔbɛgye wɔn a wɔdwoɔ asase soɔ nyinaa no.

10 Na nnipa abufuhyeɛ dane wo ayeyie, wode abufuhyeɛ a ɛboro soɔ bɔ abɔsoɔ.

11 Monhyɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, bɔ, na momfa mma no. Ma wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ deɛ ne ho yɛ hu no.

12 Ɔhu atumfoɔ home gu, ne ho yɛ asase so ahemfo hu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan