Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 75 - New Revised Asante Twi Bible


Onyankopɔn yɛ wiase temmufoɔ tenenee
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Asaf dwom.

1 Onyankopɔn, yɛda wo ase da wo ase, na wo din abɛn; wɔka w’anwanwadeɛ kyerɛ.

2 Mɛba berɛ a ɛsɛ mu, na me ara mabɛbu atɛntenenee.

3 Asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa mu hodwo a, me na mede mu afadum mesisi hɔ.

4 Mese ahokyerɛfoɔ sɛ: Monnyɛ ahokyerɛ. Na mese abɔnefoɔ sɛ: Mommma abɛn no so.

5 Mommma mo abɛn so nnkɔ soro, monnto bamkɔn nnkasa.

6 Na ɛmfiri apueeɛ, na ɛmfiri atɔeɛ, nanso ɛmfiri mmepɔ serɛ so,

7 na mmom Onyankopɔn na ɔbu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.

8 Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam, na emu bobesa ani firi ahuro, mfrasa ayɛ mu ma, na ɔhwie bi; ampa ara, aseɛ puo mpo, asase so abɔnefoɔ nyinaa bɛfefe anom.

9 Na me deɛ, mɛka ɛho asɛm daa, mɛto Yakob Nyankopɔn ayeyie dwom,

10 na abɔnefoɔ mmɛn nyinaa, mɛbubu, teneneefoɔ mmɛn na wɔbɛma soɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan