Nnwom 73 - New Revised Asante Twi BibleNWOMA A ƐTƆ SO MMIƐNSA ( Nnwom 73—89 ) Gyidie mu tumi Asaf dwom. 1 Ampa ara, Onyankopɔn yɛ ma Israel, ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ. 2 Na me deɛ, anka me nan reyɛ amane, m’anammɔn reyɛ awatiri. 3 Na metwee ahokyerɛfoɔ ho ninkunu, ɛfiri sɛ mehunuu abɔnefoɔ yie a wɔdie no. 4 Wɔnhunu owuo mu aninyanneɛ, na wɔwɔ honam ne ahoɔden. 5 Ɔdasani haw deɛ, wɔnni bi, nanso wɔnnwane wɔn ho sɛ nnipa binom. 6 Enti ahantan adi wɔn kɔn ho barehyia, na akakabensɛm asi wɔn aduradeɛ. 7 Srade ama wɔn ani apupu, wɔn akoma mu adwene firi bu so. 8 Wɔsi atwetwe na wɔde adwemmɔne ka amimdie asɛm, wɔka akokurokosɛm. 9 Wɔma wɔn ano to ɔsoro, na wɔn tɛkyerɛma nenam asase so. 10 Enti wɔn nkurɔfoɔ twe bɛdane wɔn, na wɔnya nsuo kuruwa ma nom. 11 Na wɔse: Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn bɛhunu, nimdeɛ wɔ ɔsorosoroni no tirim anaa? 12 Hwɛ, yeinom ne abɔnefoɔ, nanso wɔn ho dwo wɔn daa, wɔama wɔn adeɛ adɔɔso. 13 Ampa ara, mate m’akoma ho kwa, na mahohoro me nsa bemdie mu kwa, 14 nanso wɔaha me da mu nyinaa na wɔatwe m’aso anɔpa biara. 15 Sɛ mese: Mɛka no sɛɛ deɛ a, anka matwa wo mmasantene nkontompo. 16 Na mesusuu ho sɛ mɛhunu adeɛ yi, ɛyɛɛ m’ani so den dodo, 17 kɔsii sɛ mekɔɔ Nyankopɔn kronkron mu hɔ na mekɔhunuu deɛ akyire ɛkɔwiee wɔn. 18 Ampa ara, wode wɔn gyina deɛ ɛhɔ yɛ torɔ, wode wɔn hwe fam bubu wɔn pasaa. 19 Hwɛ sɛ wɔadane sɛ amamfo seesei ara, ehu ama wɔawie sa. 20 Sɛ daeɛ a wɔaso anyane, na wo, AWURADE, wokanyane wo ho a, woma ani pa wɔn sunsumban soɔ. 21 Sɛ ɛyɛ m’akoma awerɛho na me sawa mu wowɔ me a, 22 anka meyɛ ɔkwasea a mennim de, na mayɛ sɛ aboa, w’ani so. 23 Na me deɛ, mɛtena wo nkyɛn daa, woasɔ me nsa nifa mu. 24 Wonam w’atirimpɔ so kyerɛkyerɛ me kwan, na akyire yi no, woagye me akɔ animuonyam mu. 25 Hwan na mewɔ no ɔsoro? Na sɛ wowɔ me a, menhwehwɛ asase so hwee. 26 Ma me honam ne m’akoma nwie sa, Onyankopɔn ne m’akoma botan ne me kyɛfa daa. 27 Na hwɛ, wɔn a wɔfiri wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera, wobɛsɛe wɔn a wɔfiri wo nkyɛn kɔbɔ adwaman nyinaa. 28 Na me deɛ, Nyankopɔn nkyɛn tena yɛ ma me, mede AWURADE Nyankopɔn mayɛ me dwanekɔhyɛbea na maka wo nnwuma nyinaa. |
The Bible Society of Ghana, 2012