Nnwom 72 - New Revised Asante Twi BibleAsomdwoeɛ hene ne n’ahennie Salomo deɛ. 1 Onyankopɔn, fa w’atemmuo ma ɔhene, ne wo tenenee ma ɔhene ba. 2 Ma no mfa tenenee nni wo man so, na ɔmfa atemmuo nhwɛ w’amanehunufoɔ. 3 Mmepɔ bɛso asomdwoeɛ ama ɔman, na nkokoɔ nso de tenenee aba. 4 Ɔbɛbu ɔman mu amanehunufoɔ atɛn, na wagye ahiafoɔ mma nkwa, na wabubu nhyɛsofoɔ mu pasapasa. 5 Owia ne ɔsrane da so wɔ hɔ yi, wɔbɛsuro wo, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 6 Ɔbɛba sɛ osuo a ɛtɔ gu ɛserɛ a wɔahu soɔ so, sɛ osu kɛseɛ a ɛtɔ dwodwo asase mu. 7 Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so, na asomdwoeɛ pii bɛba akɔduru sɛ ɔsrane nni hɔ bio. 8 Ɔbɛdi hene afiri po so akɔsi po so, de afiri asubɔnten no so akɔsi asase ano. 9 Wɔn a wɔte serɛ so bɛkoto n’anim, na n’atamfo atafere mfuturo. 10 Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ. 11 Na ahemfo nyinaa bɛkoto asɔre no, amanaman nyinaa bɛsom no. 12 Na ɔbɛgye ohiani a ɔsu frɛ no, ne ɔmanehunufoɔ a ɔnni boafoɔ. 13 Ɔbɛkora ɔbrɛfoɔ ne ohiani, na wagye ahiafoɔ nkwa. 14 Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne atirimuɔdensɛm mu, na wɔn mogya boɔ ayɛ den n’anim. 15 Na ɔbɛnya nkwa, na ɔde Seba sika no bi bɛma no, na ɔno nso bɛbɔ mpaeɛ ama no daa, ahyira no da mu nyinaa. 16 Asase no so aburoofuo bɛduru mmepɔ atifi, ɛso aba bɛwoso sɛ Lebanon, na nkuro no asoa sɛ asase so nwira. 17 Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no. 18 Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn a ɔno nko yɛ anwanwadeɛ, 19 na nhyira ne n’animuonyam din daa, na n’animuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen. 20 Yisai ba Dawid mpaebɔ asa. |
The Bible Society of Ghana, 2012