Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 71 - New Revised Asante Twi Bible


AWURADE, nnya me

1 Wo AWURADE na madwane mabɛtoa woɔ, m’anim rengu ase da biara da.

2 Fa wo tenenee yi me, na gye me, yɛ aso ma me, na gye me nkwa.

3 Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa. Woahyɛ sɛ wɔnnye me nkwa, na wone me botan ne me ho fasuo.

4 Me Nyankopɔn, gye me firi ɔbɔnefoɔ nsam, gye me omumuyɛfoɔ ne otirimuɔdenfoɔ nsam.

5 Na wo, AWURADE, ne m’anidasoɔ, deɛ mefiri me mmɔfraase mede me ho metoo ne soɔ.

6 Wo na mefiri yafunum mede m’akyiri metweree woɔ, woyii me firii me na yam, wo na mɛyi wo ayɛ daa.

7 Mayɛ nnipa bebree ani so anwanwadeɛ, na wone me dwanekɔhyɛbea a ɛyɛ den.

8 W’ayeyie ne w’anidie bɛhyɛ m’anomu ma da mu nyinaa.

9 Nto me ntwene nkɔkoraaberɛ, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnya me.

10 Na m’atamfoɔ ka me ho asɛm, na wɔn a wɔtɛ me kra bom tu agyina

11 ka sɛ: Onyankopɔn apa no; monti no nkye no, na obi nni hɔ a ɔbɛgye no.

12 Onyankopɔn, mma me ne wo ntam nnware, me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.

13 Me kra ho asɛmpɛfoɔ ani bɛwu na wɔayera, ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a wɔpɛ me bɔne so.

14 Na me deɛ, mɛtwɛn ara daa, na mede bi maka w’ayeyie nyinaa ho.

15 M’ano bɛka wo tenenee, ɛbɛka wo nkwagyeɛ da mu nyinaa a mennim ano.

16 Mede AWURADE Nyankopɔn ahoɔdenneɛ bɛba abɛkae wo tenenee a ɛyɛ wo nkutoo dea no.

17 Onyankopɔn, wo na wofiri me mmɔfraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwanwadeɛ no mabɛduru sɛsɛɛ.

18 Onyankopɔn, nkɔkoraaberɛ ne ɛdwono mu nso mpa me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

19 Na, Onyankopɔn, wo tenenee kɔ sorosoro, wo a woayɛ ade akɛseɛ, Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ?

20 Wo a woma yɛhunu amaneɛ bebree a ɛyɛ ya, wobɛma yɛanya nkwa bio, na woatwe yɛn afiri asase akunu mu asane aba.

21 Wobɛma me kɛseyɛ adɔ, na woadane w’ani akyekyere me werɛ.

22 Me nso mede bɛnta bɛyi wo ayɛ, me Nyankopɔn, ne wo nokorɛ, mede sankuten bɛto wo, O Israel Hotefoɔ no, dwom.

23 Meto ayeyie dwom ma wo a, m’ano ne me kra a woagye no no ho bɛsane no.

24 Mede me tɛkyerɛma nso bɛka wo tenenee ho asɛm daa, ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ me bɔne no ani awu, na wɔn anim agu ase.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan