Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 70 - New Revised Asante Twi Bible


Nkwagyeɛ ho adesrɛ
( Nnwom 40.13-17 )
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ. Wɔde bɔ nkaeɛ.

1 Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛgye me, AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me.

2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi na wɔnnane ahohorafoɔ.

3 Wɔn a wɔse “wiɛ, wiɛ” no, ma wɔnsane wɔn akyi, wɔn aniwuo akatua ho.

4 Ma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ nyinaa nni ahurisie na wɔn ani nnye wo ho, na ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ: Ma wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.

5 Na me deɛ, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani. Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me. Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ, AWURADE, ntwentwɛn wo nan ase.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan