Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 68 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn nkonimdifoɔ no ho ayeyie dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid sankuo dwom.

1 Ma Onyankopɔn nsɔre na n’atamfo nhwete, na ma wɔn a wɔkyiri no nnwane n’anim.

2 Sɛ wisie tu korɔ no, sɛ bɔ wɔn guo ara ne no; sɛ akraa nane ogya ho no, sɛ abɔnefoɔ bɛsɛe Nyankopɔn anim ne no.

3 Na teneneefoɔ deɛ, wɔn ani bɛgye, wɔbɛdi Nyankopɔn anim ahurisie na wɔn ho asane wɔn, anigyeɛ mu.

4 Monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma ne din, montoto kwan yie mma deɛ ɔte adeɛ so nam ɛserɛ so reba, ne din de AWURADE, na monni n’anim ahurisie.

5 Nwisiaa se ne akunafoɔ sɛnnifoɔ ne Onyankopɔn, ne tenabea kronkron mu.

6 Onyankopɔn ma ɔhokwafoɔ nya mpɔn-ne-mma, ɔtu apokyerɛfoɔ ma wɔbɛdi yie, na mansotwefoɔ deɛ, wɔte nkyɛkyerɛ so.

7 Onyankopɔn, wofirii adi dii wo man anim, wofaa ɛserɛ pradada soɔ no,

8 asase wosoe, ɔsoro nso sosɔɔ nsuo Nyankopɔn anim, Sinai yi ara wosoe Onyankopɔn, aane, Israel Nyankopɔn, anim.

9 Onyankopɔn, wotɔɔ adɔeɛ suo guu w’agyapadeɛ so, na ɛtɔ piti a, wo na woma no yɛ yie.

10 W’asafo tenaa so; Onyankopɔn, w’ayamyɛ mu wosiesie maa amanehunufoɔ.

11 AWURADE bɛka n’anomu asɛm, mmaa a wɔka nkonim asɛmpa no asafo so.

12 Atamfoɔ dɔm ahemfo bɛdwanedwane, na ɔbaa a ɔte fie no akyekyɛ asadeɛ mu.

13 Motete nnwammuo ntam a, ɛte sɛ aburuburo ntaban a wɔde dwetɛ agu ho, ne ne ntakra a sika fɛfɛ hran ho.

14 Otumfoɔ bɔ ahemfo gu asase no so a, ɛhoa sɛ nsukyerɛmma Salmon so.

15 Basan mmepɔ yɛ Nyankopɔn mmepɔ, Basan mmepɔ yɛ mmepɔ atentene.

16 Adɛn na mo mmepɔ atentene mode ani bɔne hwɛ bepɔ a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔtena soɔ no? Ampa, AWURADE bɛtena so daa.

17 Nyankopɔn ko teaseɛnam yɛ mpempem bubuanwea, AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu.

18 Woaforo kɔ soro, woafa nnommumfoɔ nnommum, woagye nnipa mu ayɛyɛdeɛ, mansotwefoɔ mu mpo, na AWURADE Nyankopɔn atena hɔ.

19 Nhyira ne AWURADE a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa, ɔno Onyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ.

20 Ɔno Onyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, na AWURADE na owuo mu fire wɔ no.

21 Ampa ara, Onyankopɔn bɛpiepie n’atamfo ti, ɔbɛpie deɛ wasi atimum na ɔkyea n’afodie mu no ti.

22 Na AWURADE aka sɛ: Mɛfa wɔn mafiri Basan maba bio, mede wɔn bɛsane afiri po bunu mu aba,

23 na wode wo nan akeka mogya mu, na w’akraman tɛkyerɛma anya atamfoɔ no ho biribi atafere.

24 Onyankopɔn, wɔhunu w’adi a worebɛfire, me Nyankopɔn ne me hene adi a ɔrebɛfiri, kronkronbea hɔ.

25 Nnwontofoɔ di kan, asankubɔfoɔ di akyire wɔ mmabaa a wɔka mpintin ntam.

26 Monhyira Onyankopɔn, mo asafo ahyiaeɛ mu, mo a mofiri Israel abura mu, monhyira AWURADE.

27 Benyamin akumaa, wɔn sodifoɔ, wɔ hɔ, Yuda atitire, wɔn asafohene ahodoɔ, Sebulon atitire ne Naftali atitire wɔ hɔ.

28 Wo Nyankopɔn ahyɛ de wo tumi ama wo, Onyankopɔn, hyɛ deɛ woayɛ ama yɛn yi mu den.

29 W’asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem nti, ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo.

30 Ka mmɛwa mu aboa ne anantwininikuo ne anantwie mma a ɛyɛ aman no anim, na wɔde dwetɛ mpɔ abɛsom. Pansam aman a wɔpɛ akodie mu.

31 Akunini firi Misraim bɛba, Etiopia bɛtene ne nsa ntɛm ama Onyankopɔn.

32 Asase so ahennie, monto Onyankopɔn dwom, monto dwom mma AWURADE.

33 Monto mma deɛ ɔte tete soro mu soro. Hwɛ, ɔma wɔte ne nne a ɛyɛ tumi nne.

34 Momfa tumi mma Onyankopɔn, n’animuonyam kata Israel so, na ne tumi wɔ wiem tɔnn.

35 Nyankopɔn, wo ho yɛ hu, wo tenabea kronkron mu, Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne man. Nhyira ne Onyankopɔn.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan