Nnwom 67 - New Revised Asante Twi BibleNnɔbaeɛ twa ho aseda dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dwom a wɔto no asankuo ano. 1 Onyankopɔn, dom yɛn, na hyira yɛn, te w’anim kyerɛ yɛn. 2 Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so, wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu. 3 Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ, aman nyinaa bɛyi wo ayɛ. 4 Aman ani bɛgye na wɔato ahosan nnwom, sɛ wobu aman atɛntenenee na wokyerɛkyerɛ asase so aman kwan. 5 Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ, aman nyinaa bɛyi wo ayɛ. 6 Asase abɔ n’aduane, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn bɛhyira yɛn. 7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no. |
The Bible Society of Ghana, 2012