Nnwom 66 - New Revised Asante Twi BibleNkwagyeɛ ho ayeyie dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dwom. 1 Asase nyinaa, monni ahurisie mmɔ ose mma Onyankopɔn, 2 monto dwom mma ne din animuonyam, monhyɛ no animuonyam nyi no ayɛ. 3 Monse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛseɛ nti w’atamfo bɛkoto wo. 4 Asase nyinaa bɛsɔre wo na wɔato wo dwom, wɔbɛto dwom ama wo din. 5 Mommra mmɛhwɛ Nyankopɔn nneyɛɛ, n’adeɛ a ɔyɛ de di nnipa mma soɔ yɛ hu. 6 Ɔmaa ɛpo danee asase pɛsɛɛ, wɔde anammɔn twaa asu kɛseɛ, ɛno nti yɛn ani gye ne ho. 7 Deɛ ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefoɔ mmma wɔn ho so. 8 Aman, monhyira yɛn Nyankopɔn, na momma wɔnte n’ayeyie yie. 9 Ɔde yɛn aka ateasefoɔ ho, na wamma yɛn nan anwati. 10 Na wo, Onyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ, woanane yɛn ahwɛ sɛ wɔnane dwetɛ hwɛ mu. 11 Wode yɛn ahyɛ asau mu, wode adesoa dompee asoa yɛn. 12 Woama ɔdasani anante yɛn tiri so, yɛafa ogya ne nsuo mu, nanso woayi yɛn aba deɛ nnepa abu soɔ hɔ. 13 Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛkɔ wo fie, mɛma wo m’aboadeɛ, 14 deɛ mede mebuee m’ano, ne deɛ m’ano kaa m’ahohia mu no. 15 Mede nnwan a wɔadɔre ne adwennini a ɛyɛ hwam bɛbɔ wo ɛhyeɛ afɔdeɛ, mede anantwie ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ. 16 Mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa, mommra mmɛtie, na mɛka deɛ wayɛ ama me. 17 Mede m’ano mesu mefrɛɛ no, na mede me tɛkyerɛma meyii no ayɛ. 18 Sɛ medi ahuhudeɛ akyiri m’akomam a, anka AWURADE rentie me. 19 Ampaneampa, Onyankopɔn atie me, wayɛ aso atie me mpaebɔ. 20 Nhyira ne Onyankopɔn a wannane me mpaebɔ ani, na wanyi n’adɔeɛ amfiri me soɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012