Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 65 - New Revised Asante Twi Bible


Onyankopɔn nhyira ho aseda dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 Onyankopɔn, wɔde abodwoɔ yi wo ayɛ wɔ Sion, na wo na wɔde aboadeɛ ma woɔ.

2 O mpaebɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa ba.

3 Amumuyɛdeɛ boroo me so, wo na woakata yɛn mmarato soɔ.

4 Nhyira ne deɛ woyi no na woma no bɛn wo sɛ ɔntena w’abannwa soɔ. Wo fie nnepa bɛmee yɛn, w’asɔrefie kronkron nnepa no.

5 Wode asɛntenenee a ɛyi hu bua yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, wo na asase ano nyinaa ani da wo soɔ, ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri po so.

6 Wode w’ahoɔden de mmepɔ tintim hɔ, wode tumi amia.

7 Woma ɛpo huuyɛ, emu asorɔkyeɛ huuyɛ gyae, na woma aman kitikitiyɛ ano dwo.

8 Na wo nsɛnkyerɛnneɛ nti wɔn a wɔte ahafi nohoa suro, woma wɔn a wɔte apueeɛ ne atɔeɛ nohoa tɔnn to ahosan dwom.

9 Woabɛhwɛ asase agugu so nsuo, woama ɛso aduane abu so bebree. Nyankopɔn asubɔnten no, nsuo ayɛ mu ma, womaa wɔn aburoo gyinae, womaa no sii so sɛdeɛ ɛsɛ.

10 Woguguu n’akofie so nsuo de honoo emu apɔapɔ, wode osuo yɛɛ no bɛtɛɛ, wohyiraa ne fire so.

11 Woabɔ w’ayamyɛ afirinhyia abotire, na sradeɛ sosɔ w’akwan so.

12 Ɛsosɔ serɛ so adidibea so, na mpampa de abotɔyam hyehyɛ wɔn ho.

13 Nnwankuo ahyɛ adidibea no ma, aburoo nso akata abɔn no mu, wɔdi ahurisie bɔ ose, anigyeɛ dwom nko ara na wɔtoɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan