Nnwom 64 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn bu abɔnefoɔ atɛn Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 Onyankopɔn, tie me nne, m’abooboo mu, bɔ me nkwa ho ban, na ɔtamfoɔ ammɛyi me hu. 2 Fa me hunta firi nnipa bɔne kokoam agyinatuo ho, firi amumuyɛfoɔ gyegyeegye ho. 3 Wɔn na wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ afena, wɔkuntunu tadua mu rebɛto wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fo, 4 sɛ wɔbɛto abɔ deɛ ɔyɛ pɛ no kokoam, wɔto bɔ no mpofirim, na wɔnsuro. 5 Wɔhyɛ wɔn asɛmmɔne mu den, wɔkeka sɛ wɔbɛhunta asum fidie, wɔka sɛ: Hwan na ɔbɛhu yɛn? 6 Wɔbɔre hwehwɛ amumuyɛ, wɔawie wɔn tirim pɔ no, wɔabɔre abɔre, na onipa tirim ne n’akomam dɔ. 7 Na Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn, wɔbɛpira mpofirim, 8 na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkyerɛma so asɛm abua wɔn atifi, wɔn a wɔhu wɔn nyinaa ho bɛpopo. 9 Na nnipa nyinaa bɛsuro, na wɔaka Nyankopɔn adwuma, na wɔahunu ne nneyɛɛ mu. 10 Ɔteneneeni ani bɛgye AWURADE ho, na wadwane akɔtoa no, na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛhyehyɛ wɔn ho. |
The Bible Society of Ghana, 2012