Nnwom 63 - New Revised Asante Twi BibleNyankopɔn ho anigyina Dawid dwom. Ɔwɔ Yuda serɛ soɔ no, na ɔtoeɛ. 1 Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, mehwehwɛ wo anɔpahema, wo ho sukɔm de me kra, me honam ahodwo repɛ wo hɔ biribi, asase pɛsɛɛ a nsuo nni soɔ ma no tɔ piti wɔ so. 2 Saa na mehwɛɛ woɔ wɔ kronkronbea hɔ, sɛ mɛhunu wo tumi ne w’animuonyam. 3 Na w’adɔeɛ yɛ sene nkwa, mede m’ano bɛyi wo ayɛ. 4 Saa na mete aseɛ yi mɛhyira woɔ, wo din mu na mɛma me nsa soɔ. 5 Ɛbɛmee me kra sɛ ekyim ne sradeɛ, na mede ahosan mu anoteɛ bɛyi wo ayɛ. 6 Sɛ mekae wo me kɛtɛ so a, medi wo ho dadwene adasuo mu. 7 Na woayɛ me boafoɔ, na wo ntaban ase nwunu mu na medi ahurisie. 8 Me kra bata wo ho di w’akyi, wo nsa nifa sɔ me mu. 9 Na wɔn a wɔpɛ me kra asɛe no no bɛsiane akɔ asase ase tɔnn. 10 Wɔde wɔn bɛto afena ano, wɔbɛyɛ sakraman deɛ. 11 Na ɔhene deɛ, n’ani bɛgye Nyankopɔn ho, obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehyɛ ne ho, na wɔbɛmua wɔn a wɔdi atorɔ ano. |
The Bible Society of Ghana, 2012