Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 62 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn mu kommyɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ Yedutun. Dawid dwom.

1 Ampa, me kra yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara; ne nsam na menya nkwagyeɛ.

2 Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abankɛseɛ, merenhinhim bebree bi.

3 Mobɛha ɔbaakofoɔ akɔsi da bɛn, na mo nyinaa adwiri no sɛ ɔfasuo a akyea ne ɛban a agoɔ?

4 Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wɔbɛtu no so. Wɔpɛ atorɔdie, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu deɛ, wɔdome.

5 Ampa, me kra, yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara, na ne nsam na menya deɛ m’ani da soɔ.

6 Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abankɛseɛ, merenhinhim.

7 Nyankopɔn nsam na me nkwagyeɛ ne m’animuonyam wɔ, me botan a ɛyɛ den, me dwanekɔhyɛbea ne Onyankopɔn.

8 Nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa. Monyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔhyɛbea.

9 Ampa ara, nnipa mma yɛ huhuo, mmarima mma yɛ atorɔdeɛ. Wɔgu nsaniam a, ɛhwan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ huhuo.

10 Mommfa mo ho nnto amimdie so, na monnyɛ dwotwa ho ahokyerɛ. Sɛ ahonyadeɛ dɔre a, mommfa mo akoma nnto so.

11 Na Onyankopɔn akasa prɛko, mprenu na mateɛ: Sɛ tumi yɛ Nyankopɔn dea,

12 na wo, AWURADE, na adom wɔ woɔ. Na wobɛtua onipa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan