Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 61 - New Revised Asante Twi Bible


Banbɔ ho adesrɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid deɛ.

1 Onyankopɔn, tie me sufrɛ, yɛ aso ma me mpaebɔ.

2 Mefiri asase ano mesu mefrɛ wo m’akoma ahometeɛ mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sene me so.

3 Na wo na woayɛ me dwanekɔhyɛbea, abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfoɔ anim.

4 Mɛtena wo ntomadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me soɔ no ase.

5 Na wo, Onyankopɔn, woate me bɔhyɛ, wode wɔn a wɔsuro wo din agyapadeɛ ama me.

6 Wobɛto ɔhene nna so, na ne mfeɛ akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so.

7 Ɔbɛtena Nyankopɔn anim daa, fa adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ no so.

8 Ɛno na mɛto dwom pa mama wo din daa, na mama m’aboadeɛ daa daa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan