Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 60 - New Revised Asante Twi Bible


Nkoguo akyiri mpaebɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Susan Edut” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom. Wɔmfa nkyerɛkyerɛ adeɛ. Ɔtoo no berɛ a ɔne Mesopotamia ne Soba Siriafoɔ koeɛ, na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dummienu nkyene bɔn mu no.

1 Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afu; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.

2 Woama asase awoso, woapae mu, fa n’asinasini sisi anim, na ɛhinhim.

3 Woama wo man ahunu deɛ ɛyɛ den, woama yɛanom ntintan nsa.

4 Wode frankaa ama w’afɛrefoɔ sɛ wɔmfa mma wɔn ho so, nokorɛ nti.

5 Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo nti fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye yɛn so.

6 Onyankopɔn akasa n’ahoteɛ mu: Mɛdi ahurisie, mɛkyɛ Sekem mu, na masusu Sukot bonhwa.

7 Gilead wɔ me, na Manase wɔ me, na Efraim yɛ me tiri so dadekyɛ; Yuda yɛ m’ahempoma.

8 Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na mɛto me mpaboa maguo, me nti, Filistifoɔ asase, teateam.

9 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro denden no mu, hwan na ɔbɛgya me akɔ Edom?

10 Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woasum yɛn aguo yi, na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?

11 Bɛboa yɛn ahohia mu, na onipa mmoa yɛ ɔkwa.

12 Yɛde Onyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninneɛ, na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn ahohiahiafoɔ soɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan