Nnwom 6 - New Revised Asante Twi BibleNkotosrɛ mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto no “Seminit” ɛnne so. Dawid dwom. 1 AWURADE, mfa w’abufuo nka m’anim, na mfa w’abufuhyeɛ ntwe m’aso. 2 AWURADE, hu me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ meyɛ hodwoo; AWURADE, sa me yadeɛ, na me nnompe abɔ huboaa, 3 na me kra nso abɔ huboaa sɛ. Na wo, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? 4 Sane bra, AWURADE, bɛgye me kra, gye me nkwa w’adɔeɛ nti. 5 Na wo ho nkaeɛ nni owuo mu. Hwan na ɔbɛyi wo ayɛ Asamandoɔ? 6 M’apinisie ama mabrɛ, anadwo biara, me mpa fɔ, mede me nisuo mefɔ me nnaeɛ. 7 Awerɛhoɔ ama m’ani ayɛ siamoo, ɛso ayɛ wisiwisi, m’ahohiahiafoɔ nyinaa nti. 8 Mo amumuyɛfoɔ nyinaa, momfiri me so mfi! Na AWURADE ate me su. 9 AWURADE ate me nkotosrɛ, AWURADE bɛgye me mpaebɔ so. 10 M’atamfoɔ nyinaa ani bɛwu, na wɔn ho adwiri wɔn sɛ, na wɔapatu de fɛreɛ asane. |
The Bible Society of Ghana, 2012