Nnwom 58 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn ne ɔtemmufoɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom. 1 Mo atumfoɔ, ampa ara, moka asɛntenenee anaa? O, nnipa mma, mobu atɛntenenee anaa? 2 Dabi, modi asɛmmɔne, akoma mu, mo nsam akakabensɛm na mokari de ma, asase soɔ. 3 Abɔnefoɔ bɔ ko firi ɔyafunum, wɔfiri wɔn na yam fom kwan di atorɔ. 4 Wɔn borɔ te sɛ ɔwɔ borɔ, wɔte sɛ ahuritia sotifoɔ a wasi n’aso 5 a ɛntie ntafowayifoɔ a wɔyi nkonyaa nyansam. 6 Onyankopɔn, bubu wɔn se, wɔn anomu, AWURADE, tutu gyata aburuwa sebɔmmɔfoɔ. 7 Ma wɔn nwe sɛ nsuo a ɛretwe, ɔkuntunu ne bɛmma mu a, ma no nyɛ sɛdeɛ wɔabu ano. 8 Ɔsene sɛ nwa a wɔapɛkyɛ no, sɛ ɔba a ɔbaa apɔn a ɔnhunuu owia da. 9 Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ no nka no, sɛ ɛyɛ mono oo, ɛreben oo, ɔde abufuhyeɛ bɛpra ne nyinaa agu. 10 Ɔtenenee ani bɛgye sɛ wahunu aweretɔ, ɔbɛhohoro ne nan ase ɔbɔnefoɔ mogya mu. 11 Na nnipa bɛka sɛ: Ampa, akatua wɔ hɔ ma ɔteneneeni, ampa, Onyankopɔn wɔ hɔ a ɔbu atɛn asase soɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012