Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 57 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn mu ahotosoɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid abebuo dwom. Wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Ɔtoo no ɔbodan no mu berɛ a ɔdwanee Saulo no.

1 Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra dwane bɛtoa woɔ, na wo ntaban ase nwunu mu na mepɛ me dwanekɔhyɛbea kɔsi sɛ ahohia yi bɛtwa mu.

2 Mesu mefrɛ ɔsorosoro Nyankopɔn, mefrɛ Onyankopɔn a ɔdi ma me wie.

3 Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me, ɔbɔ deɛ ɔregye me amene me no ahohora. Onyankopɔn bɛsoma n’adom ne ne nokorɛ.

4 Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma a wɔn se yɛ mpea ne agyan, na wɔn tɛkyerɛma yɛ nkrantɛ nnamnnam.

5 Onyankopɔn, ma wo ho so tena soro, ma w’animuonyam so asase nyinaa so.

6 Wɔsum m’anammɔn fidie, me kra brɛɛ ase, wɔtuu me kwan mu amena, wɔn ankasa ahwehwe mu.

7 M’akoma atim, Onyankopɔn, m’akoma atim, mɛto dwom na mayi ayɛ.

8 Me kra, nyane, bɛnta ne sankuten, nyane, me nso mɛnyane anɔpahema.

9 AWURADE, mɛda wo ase aman mu, mɛto wo ayeyie dwom aman mu,

10 na w’adɔeɛ so kɔduru soro, na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.

11 Onyankopɔn, ma wo ho so tena ɔsoro, ma w’animuonyam so asase nyinaa so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan