Nnwom 56 - New Revised Asante Twi BibleAmanehunu mu anidasoɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid abebuo dwom. Wɔnto no “Yohat elem rehokim” sankuo nne so. Ɔtoe berɛ a Filistifoɔ kyeree no Gat no. 1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdasani repɛ me amene me, daa nyinaa ɔde ɔko hiahia me ho. 2 M’atɛfoɔ repɛ me amene me daa nyinaa, na nnipa pii ama wɔn ho so ne me reko. 3 Ɛda a mesuro no, mede me ho metwere wo. 4 Nyankopɔn mu na meyi n’asɛm ayɛ, Nyankopɔn so na mede me ho matoɔ, merensuro, onipa bɛtumi ayɛ me dɛn? 5 Da biara wɔtutu me nsɛm ano sisi, bɔne nko ara na wɔdwene me ho. 6 Wɔboa ano hyia ma wɔtɛ me, na wɔkari m’anammɔn berɛ a wɔtwɛn me kra. 7 Wɔde amumuyɛ bɛnya kwan adwane anaa? Onyankopɔn, fa aman hwe fam abufuo so. 8 Wo na woabu me kyini a mekyini yi ano, fa me nisuo gu wo kotokuo mu. Ɛnni wo nwoma mu anaa? 9 Ɛno na m’atamfoɔ bɛsane wɔn akyire, ɛda a mesu mefrɛ no. Yei na menim sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa. 10 Nyankopɔn mu na meyi n’asɛm ayɛ, AWURADE mu na meyi n’asɛm ayɛ. 11 Nyankopɔn so na mede me ho matoɔ, merensuro, nnipa bɛtumi ayɛ me dɛn? 12 Onyankopɔn, w’aboadeɛ wɔ me hɔ, mɛbɔ aseda afɔdeɛ mama wo. 13 Na woagye me kra afiri owuo mu, worenyi me nan mfiri asehweɛ mu anaa? Na manante Nyankopɔn anim, nkwa hann mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012