Nnwom 54 - New Revised Asante Twi BibleAtamfoɔ ho mpaebɔ ne aboadeɛ ma Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid nnweneho dwom. Ɔtoo no berɛ a Sififoɔ bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ: Dawid abɛhunta yɛn nkyɛn no. 1 Onyankopɔn, fa wo din so gye me, na fa wo tumi di m’asɛm ma me. 2 Onyankopɔn, tie me mpaebɔ, yɛ aso tie m’anomu nsɛm; 3 na ananafoɔ asɔre atia me, na atirimuɔdenfoɔ rehwehwɛ me kra, wɔamfa Onyankopɔn anyɛ wɔn ani so biribi. 4 Hwɛ, Onyankopɔn ne me boafoɔ, AWURADE nko ne deɛ ɔsɔ me kra mu. 5 Ɔbɛma m’atɛfoɔ bɔne asane akɔ wɔn so, fa wo nokorɛ yi wɔn hɔ. 6 Mɛbɔ ayamyie afɔdeɛ ama wo; AWURADE, mɛyi wo din ayɛ sɛ ɛyɛ. 7 Na wagye me, amaneɛ nyinaa mu, na m’ani ahunu deɛ mepɛ m’atamfoɔ ho. |
The Bible Society of Ghana, 2012