Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 53 - New Revised Asante Twi Bible


Nnipa amumuyɛ
( Nnwom 14 )
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid nnweneho dwom. Wɔnto no “Mahalat” sankuo nne so.

1 Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Nyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumuyɛdeɛ a wɔkyire, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

2 Onyankopɔn firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

3 Nanso wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.

4 Amumuyɛfoɔ anhunu de, wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane, na wɔnsɔre Onyankopɔn?

5 Ɛno na wɔn ho popoeɛ, deɛ ahopopoɔ nnie hɔ, na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsraban nnompe, woahyɛ wɔn aniwuo, na Onyankopɔn apa wɔn.

6 Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba? Da a Onyankopɔn de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no, Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan