Nnwom 52 - New Revised Asante Twi BibleAmimfoɔ awieeɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid nnweneho dwom. Ɔtoe berɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Ahimelek fie no. 1 Ɔkatakyie, adɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho? Nyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ daa nyinaa. 2 Nkontomponi, wo tɛkyerɛma dwene mmusubɔ ho te sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahweɛ. 3 Wopɛ bɔne sene papa, wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka deɛ ɛtene. 4 Nkɔnkɔnsa tɛkyerɛma, wopɛ amammɔsɛm ara nko. 5 Onyankopɔn nso bɛbɔ wo ahwe fam koraa, ɔbɛyi wo hɔ atu wo afiri wo tenabea, na watutu w’ase afiri ateasefoɔ asase so. 6 Teneneefoɔ nso bɛhunu asuro, na wɔasere no sɛ: 7 Hwɛ, onipa a wamfa Onyankopɔn anyɛ ne dwanekɔbea, na ɔde ne ho too n’ahodeɛ bebree no soɔ, na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibereɛ mu, no nie. 8 Na me deɛ, mete sɛ ngodua frɔmfrɔm, Nyankopɔn fie, mede me ho meto Nyankopɔn adom so daa daa. 9 Mɛyi wo ayɛ daa, sɛ wo na woyɛeɛ, na mɛtwɛn wo din, ɛfiri sɛ ɛyɛ, w’ahotefoɔ anim. |
The Bible Society of Ghana, 2012