Nnwom 51 - New Revised Asante Twi BibleDawid ahonu mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom; ɔkɔɔ Batseba ho a Odiyifoɔ Natan baa ne nkyɛn no, na ɔtoeɛ. 1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔeɛ teɛ no, wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti pepa me mmarato. 2 Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa, na prapra me ho firi me bɔne mu. 3 Na mahunu me mmarato no, na me bɔne wɔ m’anim daa. 4 Wo nko ara na mafom woɔ, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasa mu, na wo ho ate, w’atemmuo mu. 5 Hwɛ, wɔwoo me amumuyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛnee me. 6 Hwɛ, wopɛ nokorɛ me sawa mu, na ma menhunu nyansa me mu ahuntaeɛm. 7 Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nwera. 8 Ma mente anigyeɛ ne abotɔyam nsɛm, na nnompe a woabubuo no adi ahurisie. 9 Yi w’ani firi me bɔne ho hunta, na pepa m’amumuyɛ nyinaa. 10 Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu. 11 Nto me mfiri w’anim ntwene, na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so. 12 Ma mennya wo nkwagyeɛ ho abotɔyam bio, na ayamyie honhom nsɔ me mu. 13 Mɛkyerɛ mmaratofoɔ w’akwan, na nnebɔneyɛfoɔ adane aba wo nkyɛn. 14 Onyankopɔn, me nkwagyeɛ Nyankopɔn, gye me firi mogya ho fɔ mu, na me tɛkyerɛma ato wo tenenee ho ahurisie dwom. 15 AWURADE, bue m’ano fafa, na mede m’ano makyerɛ w’ayeyie. 16 Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyeɛ afɔdeɛ nsɔ w’ani. 17 Nyankopɔn afɔdeɛ ne honhom a abubuo; Onyankopɔn, akoma a abubuo, na apɛkyɛ na worempoɔ. 18 Ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yie; to Yerusalem afasuo! 19 Ɛno na wobɛpɛ tenenee afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ mu, ɛno na wɔde anantwinini bɛkɔ w’afɔrebukyia soɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012