Nnwom 5 - New Revised Asante Twi BibleAnɔpa afɔdeɛ ho mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Dawid dwom. 1 AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm, na hwɛ me nsusuiɛ a mekura mu. 2 Tie me nteamu, me hene ne me Nyankopɔn, na wo na mɛbɔ wo mpaeɛ. 3 AWURADE, tie me nne anɔpa, anɔpa na masiesie mama woɔ, na mɛhwɛ wo kwan. 4 Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne, ɔbɔnefoɔ ne wo rentena. 5 Agyimifoɔ rennyina w’anim, wotane amumuyɛfoɔ nyinaa. 6 Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ. 7 Na me deɛ, menam w’adom bebree so mɛba wo fie, na wo ho suro mu na mɛkoto masɔre makyerɛ w’asɔrefie kronkron no. 8 AWURADE, fa wo tenenee kyerɛ me kwan, wɔn a wɔtɛ me nti, tene wo kwan wɔ m’anim. 9 Na wɔn anomu nni nokwasɛm bi, wɔn yam wɔ mmusuo, wɔn menewa yɛ ɛda a abue, na wɔde wɔn tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ. 10 Onyankopɔn, bu wɔn fɔ, ma wɔmpɔn mfiri wɔn agyinatuo ho. Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu, na wɔasɔre atia wo. 11 Na ma wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ nyinaa ani nnye, na wɔmfa ahosan nhuro daa, ɛfiri sɛ woakata wɔn so, na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho. 12 Na wo, AWURADE, wohyira ɔteneneeni, wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɛkyɛm. |
The Bible Society of Ghana, 2012