Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 49 - New Revised Asante Twi Bible


Abɔnefoɔ ahotɔ nkyɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom.

1 Aman nyinaa, montie yei, mo a mote wiase nyinaa, monyɛ aso.

2 Nnipa mma mpapahwekwaa oo, mmarima mma a wɔwɔ din oo, adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa.

3 M’ano bɛka anyansasɛm, na m’akomam nsusuiɛ yɛ nhunumu ara nko.

4 Mɛbrɛ m’aso ase matie abebusɛm, mede sankubɔ mɛkyerɛ me bɛ ase.

5 Adɛn nti na mensuro nna bɔne mu, nna a m’atɛfoɔ amumuyɛ twa me ho hyia mu?

6 Wɔde wɔn ho to wɔn ahonyadeɛ so, na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho.

7 Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatadeɛ,

8 na wɔn kra gyeɛ boɔ yɛ den, na ɛma no gya hɔ koraa,

9 sɛ ɔntena ase ara daa, na wanhunu Adamena.

10 Na ɔhunu sɛ anyansafoɔ wuwu, na saa nso na nkwasea ne agyimifoɔ sɛeɛ, na wɔgya wɔn ahodeɛ ma ebinom.

11 Wɔn tirim ne sɛ wɔn adan bɛtena hɔ daa, na wɔn afie atena hɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so; wɔde wɔn din toto wɔn nsase.

12 Nanso onipa a ɔwɔ anidie mu no, ɔrentena mu, ɔte sɛ mmoa a wɔyi wɔn hɔ.

13 Ɔkwan a nkwasea fa soɔ nie, na wɔn a wɔpɛ wɔn anomu asɛm no di wɔn akyi.

14 Wɔboa Asamando sɛ nnwan; Owuo hwɛ wɔn so, na teneneefoɔ bɛtiatia wɔn so anɔpa, na wɔn deɛ, Asamando bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ, na wɔannya tenabea bio.

15 Na me kra deɛ, Onyankopɔn bɛgye no Asamando nsam, na ɔbɛgye me.

16 Sɛ obi nya ne ho a, nsuro, sɛ ne fie animuonyam redɔɔso a, nsuro,

17 na ɔwu a, ɔremfa emu biribiara nkɔ, n’animuonyam rensiane nni n’akyi.

18 Sɛ ɔhyira ne kra ne nkwa berɛ mu, nso wɔyi wo ayɛ sɛ woyɛ wo ho yie a,

19 ɔbɛkɔ n’agyanom abusua mu, wɔrenhunu hann ara da.

20 Onipa a ɔwɔ anidie mu na ɔnni nhunumu no, ɔte sɛ mmoa a wɔyi wɔn hɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan