Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 48 - New Revised Asante Twi Bible


Sion yɛ Nyankopɔn kuro
Kora mma dwom.

1 AWURADE yɛ kɛse, na wɔyi no ayɛ sɛ, yɛn Nyankopɔn kuro mu, ne bepɔ kronkron so.

2 Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔ, atifi fam nkyɛn mu no, ɔhenkɛseɛ kuro no.

3 Onyankopɔn ama wɔahu no kuro yi aban mu sɛ abankɛseɛ.

4 Na hwɛ, ahemfo bɛhyiae, wɔboom yuu bae.

5 Wɔbɛhunui, wɔn ho dwirii wɔn, wɔbɔɔ hu, na wɔdwanee tonom.

6 Nketenkete kutaa wɔn, yea kaa wɔn sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.

7 Wode apueeɛ mframa bobɔɔ Tarsis ahyɛn.

8 Sɛ yɛteeɛ no, sɛ yɛhunuu no ne no, asafo AWURADE kuro mu, yɛn Nyankopɔn kurom, Onyankopɔn ma n’ase tim daa.

9 Onyankopɔn, yɛkaee w’adɔeɛ w’asɔrefie hɔ.

10 Onyankopɔn, sɛ wo din teɛ no, saa na w’ayeyie teɛ de kɔsi asase ano ano; tenenee ahyɛ wo nsa nifa ma.

11 Ma Sion bepɔ ani nnye, ma Yuda mmammaa nni ahurisie w’atemmuo nti.

12 Momfa Sion ho ntwa ho kɔntɔnkrɔn, monkan n’abantenten,

13 momfa mo ani nkari n’afasuo, monhwehwɛ n’aban mu yie, na moaka akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛdi mo akyire no,

14 sɛ saa Nyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ de akɔsi owuo mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan