Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 47 - New Revised Asante Twi Bible


Onyankopɔn di hene
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom.

1 Aman nyinaa, mommɔ mo nsam, momfa anigyeɛ nhuro mmɔ ose mma Onyankopɔn.

2 Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu, ɔyɛ ɔhenkɛseɛ asase nyinaa so.

3 Ɔbrɛ aman ase de hyɛ yɛn ase, na ɔde nkurɔfoɔ hyɛ yɛn nan ase.

4 Ɔyi yɛn apɛgyadeɛ ma yɛn, Yakob a ɔdɔ no no animuonyam.

5 Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro, AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ.

6 Monto Nyankopɔn dwom, monto ayeyie dwom, monto dwom mma yɛn hene, monto ayeyie dwom.

7 Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene, mommɔ sankuo nto nnweneho dwom.

8 Onyankopɔn di amanaman so hene, Onyankopɔn te n’ahennwa kronkron so.

9 Aman ahene boaboa wɔn ho ano, Abraham Nyankopɔn man. Na asase so akyɛm yɛ Onyankopɔn dea, wɔama no so kɛse.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan