Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 46 - New Revised Asante Twi Bible


“Yɛn Nyankopɔn ne abankɛseɛ”
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Wɔnto no “Alamot” sankuo nne so.

1 Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.

2 Enti sɛ asase ani dane butu, na mmepɔ tutu gu po bunu mu,

3 na emu nsuo woro na ɛhuru na n’asorɔkyeɛ ma mmepɔ woso mpo a, yɛrensuro.

4 Asuo bi, ne mmɔmu ma Nyankopɔn kuro ani gye, ɔsorosoroni tenabea kronkron no.

5 Onyankopɔn te mfimfini, ɛnwoso, Onyankopɔn boa no anɔpahema.

6 Amanaman yɛ hoo, ahennie wosowoso, ɔma ne nne so ma asase nane.

7 Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.

8 Mommra mmɛhwɛ AWURADE nnwuma, ɔsɛeɛ ko a wama no aba asase soɔ.

9 Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano, ɔbubu tadua mu na ɔtwitwa pea mu asinasini, ɔde ogya hye nteaseɛnam.

10 Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn. Wɔmma me so amanaman mu, wɔmma me so asase so.

11 Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan