Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 45 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔhene ne ayeforɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sosannim” sankuo nne so. Kora mma nnweneho, adɔdeɛ dwom.

1 Asɛm pa ayɛ m’akoma ma abu so. Meka adeɛ a mayɛ a ɛfa ɔhene ho, me tɛkyerɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ a ne nsa yɛ hare atwerɛdua.

2 Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma, wɔde adom ahyɛ w’anomu ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.

3 Otumfoɔ, fa w’afena bɔ w’asene, fa w’animuonyam ne w’ahensɛm bɔ abɔsoɔ.

4 Na fa w’ahensɛm no te mu kɔ w’anim ma nokorɛ ne tenenee a wɔabrɛ no aseɛ, na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’adeɛ a ɛyɛ hu.

5 W’agyan ano yɛ nnam, aman bɛhwehwe ase w’anim, ɛwɔ ɔhene atamfoɔ akoma mu.

6 Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daa daa, w’ahennie poma yɛ tenenee poma.

7 Wodɔ tenenee, na wotane abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigyeɛ ngo asra woɔ sene wo mfɛfoɔ.

8 Kurobo ne pɛprɛ ne bɛwewonua yi hwa wo ntadeɛ nyinaa mu, sankuo a wɔbɔ no asommɛn aban mu ma w’ani gye.

9 Ahemfo mmammaa wɔ wo mmaa animuonyamfoɔ mu, wo dɔyerɛ abɛgyina wo nifa, Ofir sika mu.

10 Ɔbabaa, tie, na hwɛ, na yɛ aso, na ma wo werɛ mfiri wo man ne w’agya fie.

11 Na ɔhene ani asɔ w’ahoɔfɛ, na ɔne wo wura, na sɔre no.

12 Na Tiro babaa de ayɛyɛdeɛ ba, na ɔman mu adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

13 Ɔhene babaa wɔ animuonyam kɛseɛm ɔdan mu, wɔde sikatam abu n’aduradeɛ.

14 Ɔhyɛ mmobɔmu atadeɛ, na wɔde no brɛ ɔhene, wɔde mmaabunu a wɔyɛ ne mfɛfoɔ di n’akyi bɛbrɛ wo.

15 Wɔde anigyeɛ ne ahosan na ɛde wɔn reba, wɔkɔhyɛne ɔhene aban mu.

16 Wo mma bɛsi w’agyanom ananmu, wode wɔn bɛsisi asase nyinaa so ahene.

17 Mɛma wɔakae wo din, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, enti na aman bɛyi wo ayɛ daa daa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan