Nnwom 44 - New Revised Asante Twi BibleAkane ne nnɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma nnweneho dwom. 1 Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate, yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn sɛ: Woayɛ adwuma bi wɔn berɛ so, tete mmerɛ no mu. 2 Wode wo nsa pamm amanaman, na wɔn deɛ, woduaa wɔn. Wobɔɔ aman, na wɔn deɛ, wotrɛɛ wɔn mu. 3 Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, ɛfiri sɛ wopɛ wɔn. 4 Wo, Onyankopɔn, wone me Hene, hyɛ na Yakob nnya nkwagyeɛ ara nko. 5 Wo so na yɛnam sum ahohiahiafoɔ guo, wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔsɔre tia yɛn no soɔ. 6 Na memfa me ho mento me tadua so, na m’afena nso rennye me. 7 Na woagye yɛn yɛn ahohiahiafoɔ nsam, na woahyɛ wɔn a wɔtane yɛn aniwuo. 8 Nyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa, na yɛyi wo din ayɛ daapem. 9 Nanso woato yɛn agu, na woabɔ yɛn ahohora, na wo ne yɛn dɔm ankɔ. 10 Womaa yɛdanee yɛn akyiri kyerɛɛ yɛn ahodwanfoɔ, na wɔn a wɔtane yɛn fom yɛn fa. 11 Wode yɛn maa sɛ nnwan a wɔdie, na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu. 12 Woantɔn wo nkurɔfoɔ annye hwee, woamfa wɔn annye aboɔden. 13 Wode yɛn asi hɔ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nsopa, ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no fɛdie, ne ehuro. 14 Wode yɛn ayɛ akasabebuo amanaman mu, woma aman bobɔ wɔn tiri nko wɔ yɛn ho. 15 Daa nyinaa m’ahohora da m’anim, na aniwuo akata me so, 16 deɛ ɔbɔ me ahohora na ɔsopa me no nne ne ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ nti. 17 Yei nyinaa aba yɛn so, nanso yɛn werɛ mfirii wo, na yɛntwaa w’apam no ho nkontompo. 18 Yɛn akoma nsanee n’akyi, na yɛn anammɔn nteree wo kwan ho. 19 Nanso woabubu yɛn pasaa, deɛ sakraman wɔ, na wode esum kabii akata yɛn so. 20 Sɛ yɛn werɛ afiri yɛn Nyankopɔn din anaasɛ yɛatrɛ yɛn nsam akyerɛ onyame foforɔ a, 21 ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ? Na ɔno na ɔnim akoma mu ahuntasɛm. 22 Na wo nti na wɔku yɛn daa nyinaa, wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn. 23 AWURADE, nyane ɛ, adɛn nti na woda? Sɔre ɛ, nto yɛn ntwene koraa. 24 Adɛn nti na woyi w’ani hunta, na wo werɛ firi yɛn amaneɛ ne yɛn so hyɛ no? 25 Na wɔabrɛ yɛn kra ase kɔ mfuturo mu, yɛn yafunu butu fam. 26 Sɔre bɛboa yɛn ɛ, na gye yɛn, w’adɔeɛ nti! |
The Bible Society of Ghana, 2012