Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 43 - New Revised Asante Twi Bible


Fa wo ho to Nyankopɔn so

1 O Onyankopɔn, bu me bem, na wo ne ɔman a ɛnyɛ no nni asɛm mma me. Gye me firi nkontomponi ne omimfoɔ nsam.

2 Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn, adɛn nti na woto me twene? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?

3 Ma wo hann ne wo nokorɛ mmɛgya me, na ɛmfa me nkɔ wo bepɔ kronkron so ne wo tenabea.

4 Na makɔ Nyankopɔn afɔrebukyia ho, m’ahurisie anigyeɛ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sankuo mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.

5 Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan