Nnwom 41 - New Revised Asante Twi BibleAmaneɛ a ɛfiri yadeɛ ne atamfoɔ mu Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 Nhyira ne deɛ ɔdwene mmɔborɔni ho, AWURADE bɛgye no, da bɔne mu. 2 AWURADE bɛhwɛ no so, na wama no nkwa, na wɔahyira no asase so. Na worenyi no nhyɛ n’atamfo a wɔpɛ no nsa. 3 AWURADE bɛwowa no yadeɛ mpa so; ne yadeɛ a ɔyare da hɔ nyinaa, wodane ma no si no yie. 4 Me na mekaa sɛ: AWURADE, hu me mmɔbɔ, sa me kra yadeɛ, na mayɛ wo bɔne! 5 M’atamfoɔ kasa me ho bɔne sɛ: Da bɛn na ɔbɛwuo na ne din ayera? 6 Na sɛ ɔba bɛhwɛ me a, ɔka atorosɛm, n’akoma tase nsɛnhunu fa, ɔfiri adi kɔbɔ dawuro. 7 Wɔn a wɔtane me nyinaa tutu me ho asu, wɔsusu me ho bɔne ka sɛ: 8 Abusudeɛ akuta no, na afei ɔda hɔ yi, ɔrensɔre bio. 9 M’adamfo pa mpo a mede me ho metoo ne soɔ a ɔdii m’aduane bie no, wama ne nantin so atia me. 10 Na wo, AWURADE, hu me mmɔbɔ, na ma me so, na mentua wɔn so ka! 11 Yei ho na mɛhunu sɛ wopɛ me: Sɛ m’atamfoɔ renni me so ahurisie. 12 Na me deɛ, wosɔ me mu ma megyina hɔ, me mu a medie mu, na wode me gyina w’anim pintinn daa. 13 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɛfiri teteete de rekɔ daa. Amen ne Amen. |
The Bible Society of Ghana, 2012