Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 4 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn asomdwoeɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid dwom.

1 Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn. Ahohia mu, woboaa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.

2 Mo mmarima mma, m’animuonyam bɛdane ahohora akɔsi da bɛn? Mobɛdɔ ade hunu, mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn?

3 Na monhunu sɛ AWURADE ayi ne dɔfo asi hɔ; mesu mefrɛ AWURADE a, ɔbɛtie.

4 Mo bo fu a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo akoma mu wɔ mo daberɛ, na monyɛ komm.

5 Mommɔ tenenee afɔdeɛ, na momfa mo ho ntwere AWURADE.

6 Nnipa bebree bisa sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛahunu papa? AWURADE, te w’anim ma no nhran yɛn so.

7 Wode anigyeɛ ahyɛ m’akomam asene berɛ a wɔn aburoo ne wɔn nsa dɔɔso no.

8 Asomdwoeɛ mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko, na wo, AWURADE, nko ara na woma metena hɔ dwoodwoo.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan