Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 39 - New Revised Asante Twi Bible


Nkwa yɛ tia
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ Yedutun. Dawid dwom.

1 Mekaa sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yie, na mamfa me tɛkyerɛma manyɛ bɔne. Mede nnareka bɛsɔ m’ano, sɛ ɔbɔnefoɔ wɔ m’anim yi.

2 Medanee mum meyɛɛ komm, memuaa m’ano, papa ho, nanso me yea mu yɛɛ den.

3 M’akoma yɛɛ hyerehyere wɔ me mu, meredwendwen no, na ogya no redɛre, na mede me tɛkyerɛma mekasae.

4 AWURADE, ma menhunu m’awieeɛ ne me nna kakra a wɔasusuo no. Ma menhunu me kyɛre a mammɛkyɛre.

5 Hwɛ, woayɛ me nna nsaama pɛ, na me mfeɛ nyɛ hwee w’anim. Ampa ara, onipa asi so sɛ deɛn ara a, na ɔyɛ huruhuro ara kwa.

6 Ampa ara, onipa biara nam sɛ sunsum kwa. Ampa ara, wɔha wɔn ho huruhuro ho, ɔhyɛ da so, na ɔnnim deɛ ɔbɛboa ano.

7 Na afei, AWURADE, ɛdeɛn na meretwɛn? Wo so na m’ani da.

8 Gye me firi me mmarato nyinaa mu, mfa me mma, na ɔkwasea mmmɔ me ahohora.

9 Matɔre mum, memmue m’ano, ɛfiri sɛ wo na woayɛ.

10 Yi wo haw firi me so. Wo nsa ano hweɛ rehye me.

11 Sɛ wode amumuyɛ ho animka twe onipa aso a, woma n’ahoɔfɛ hye sɛdeɛ nweweboaa yɛ. Ampa ara, nnipa nyinaa yɛ ahuruhuro.

12 AWURADE, tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nisuo ho, na meyɛ wo hɔhoɔ, meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa.

13 Yi w’ani firi me so, na mente m’anim, ansa na mafiri ha, na wɔanhu me bio.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan