Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 37 - New Revised Asante Twi Bible


Abɔnefoɔ ahotɔ nkyɛ
Dawid deɛ.

1 Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti, mma wo bo nnha wo amumuyɛfoɔ ho;

2 na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ ɛserɛ, na wɔakusa sɛ wura mono a wɔatwa.

3 Bata AWURADE ho, na yɛ papa, tena asase so, na di nokorɛ,

4 na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo deɛ w’akoma pɛ.

5 Fa wo kwan hyɛ AWURADE nsam, na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ,

6 na wayi wo tenenee adi sɛ adekyeeɛ, ne wo bem sɛ owigyinaeɛ.

7 Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nha wo ho, deɛ ne kwan asi no yie no nti, onipa a ɔdi ne bo soɔ no nti.

8 Ma abufuo ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nha wo ho, na ɛbɛwie bɔne nko,

9 na wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ, na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no, wɔn na wɔbɛnya asase no adie.

10 Aka kakraa bi na ɔbɔnefoɔ nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne tenaberɛ a, na ɔnni hɔ.

11 Na ahobrɛasefoɔ bɛtena asase no so, na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.

12 Ɔbɔnefoɔ susu ɔteneneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu ne so,

13 AWURADE sere no, ɛfiri sɛ wahunu sɛ ne da reba.

14 Abɔnefoɔ atwe nkrantɛ, na wɔakuntunu wɔn tadua mu sɛ wɔbɛma ɔmanehunufoɔ ne ohiani ahwe ase, na wɔaku wɔn a wɔn abrabɔ yɛ:

15 Wɔn nkrantɛ bɛwɔ wɔn ara wɔn akoma mu, na wɔn tadua abubu.

16 Adeɛ kakra a onipa tenenee wɔ no yɛ sene abɔnefoɔ bebree ahonyadeɛ dodoɔ,

17 na abɔnefoɔ abasa bɛbubu, na AWURADE wowa ateneneefoɔ.

18 AWURADE nim wɔn a wɔdi mu no nna, na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.

19 Wɔn ani renwu berɛ bɔne mu, na wɔbɛmee, ɛkɔm nna mu.

20 Na abɔnefoɔ deɛ, wɔbɛyera, na AWURADE atamfoɔ bɛyɛ sɛ ɛserɛ so nhwiren, wɔbɛhye awie sa sɛ wisie.

21 Ɔbɔnefoɔ fɛm, na ɔntua, na ɔteneneeni hunu mmɔbɔ, na ɔma.

22 Na wɔn a wahyira wɔn na ɛbɛtena asase so, na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wɔbɛyi wɔn hɔ.

23 AWURADE na ɔde onipa anammɔn sisi yie, na ne kwan sɔ n’ani,

24 sɛ ɔhwe ase a, ɔrentɔ fam tim, ɛfiri sɛ AWURADE kura ne nsam.

25 Mayɛ abɔfra, na afei mabɔ akora, nanso menhunuu onipa tenenee a wɔapa no anaasɛ n’asefoɔ resrɛ aduane.

26 Ɔhunu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm, na n’asefoɔ nso yɛ nhyira.

27 Firi bɔne ho na yɛ papa, na woatena hɔ daa;

28 ɛfiri sɛ AWURADE dɔ atɛntenenee, na ɔrennya n’ahotefoɔ. Ɔhwɛ wɔn so daa, na abɔnefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.

29 Ateneneefoɔ bɛtena asase so, na wɔatena so daapem.

30 Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkyerɛma bu atɛntenenee;

31 ne Nyankopɔn mmara wɔ n’akomam, na ne nan nwatiri.

32 Ɔbɔnefoɔ tɛ ɔteneneeni, na ɔhwehwɛ sɛ ɔku no.

33 AWURADE rennya no ne nsam, na sɛ wɔbu no atɛn a, ɔremmu no fɔ.

34 Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no atena so; sɛ wɔhye abɔnefoɔ ase a, wobɛhunu.

35 Mahunu ɔbɔnefoɔ a ɔdi tumi, na ɔdennane sɛ dua frɔmm a anya asiyɛ,

36 na obi twaa mu no, na hwɛ, ɔnni hɔ, na mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

37 Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ deɛ ɔtene; sɛ saa onipa no awieeɛ yɛ asomdwoeɛ.

38 Na mmaratofoɔ deɛ, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko, abɔnefoɔ ase deɛ, wɔbɛhye.

39 Na ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi AWURADE, ɔne wɔn dwanekɔhyɛbea, ahohia da mu.

40 Na AWURADE boa wɔn, na ɔgye wɔn, ɔyi wɔn firi abɔnefoɔ nsam, na ɔgye wɔn nkwa, ɛfiri sɛ wɔde wɔn ho to ne so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan