Nnwom 36 - New Revised Asante Twi BibleNyankopɔn adɔeɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. AWURADE akoa Dawid deɛ. 1 Ɔbɔnefoɔ mmarato kasa wɔ n’akoma mu: Nyankopɔn suro biara nni n’ani so. 2 Na ɔbu ne ho bi ɔno ara ani so sɛ wɔrenhunu n’amumuyɛ na wɔakyi. 3 N’anomu nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛsua ne papayɛ. 4 Ɔdwene amumuyɛdeɛ ne kɛtɛ so, ɔde ne nan asi ɔkwan a ɛnyɛ so; bɔne deɛ, ɔnkyi. 5 Ao, AWURADE, w’adɔeɛ kɔduru soro, na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn. 6 Wo tenenee te sɛ Nyankopɔn mmepɔ, w’atemmuo te sɛ ebunu a emu dɔ. AWURADE, wogye nnipa ne mmoa nkwa. 7 Ao, Onyankopɔn, hwɛ sɛdeɛ w’adɔeɛ no si so fa! Na nnipa mma de wɔn ho kɔhyɛ wo ntaban nwunu ase. 8 Wo fie mu sradeɛ meemee wɔn, na woma wɔnom w’anigyeɛ asubɔnten. 9 Ɛfiri sɛ wo nkyɛn na nkwa nsutire wɔ, wo hann mu na yɛhunu hann. 10 Ma w’adɔeɛ nkyɛre mma wɔn a wɔni woɔ, ne wo tenenee mma akoma mu teefoɔ. 11 Mma ɔhantanni nan nntia me, na mma abɔnefoɔ nsa nnsum me! 12 Ɛnneɛ na amumuyɛfoɔ atotɔ, wɔasum wɔn ahwehwe fam a wɔntumi nsɔreɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012